Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 21:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na awofoɔ ne anuanom ne abusuafoɔ ne nnamfo nso bɛyi mo ama, na wɔama wɔakum mo mu binom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na awofoɔ ne anuanom ne abusuafoɔ ne nnamfo nso bɛyi mo ama, na wɔama wɔakum mo mu binom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Mo awofo, mo nuanom, mo abusuafo ne mo nnamfonom beyi mo ama na wobekum mo mu bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Mo awofoɔ, mo nuanom, mo abusuafoɔ ne mo nnamfonom bɛyi mo ama na wɔbɛkum mo mu bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na awofo ne anuanom ne abusuafo ne nnamfo nso beyi mo ama, na wɔama wɔakum mo mu binom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 21:16
14 Iomraidhean Croise  

Na wo nuanom nso ne w’agya fie, wɔn mpo twa wo nkontompo, wɔn nso wɔteam denden di w’akyi; sɛ wɔka nnɔkɔnnɔkɔsɛm kyerɛ wo a, nnye wɔn nni.


Monhwɛ mo ho yie mo ayɔnkofoɔ ho, na obiara mmfa ne ho nnto onua biara so, na onua biara, nsisie ara na ɔsisie, na ɔyɔnko biara nam di nsekuro.


Na onua bɛyi onua ama owuo, na agya ayi ɔba ama, na mma asɔre atia awofoɔ, na wɔama wɔakum wɔn.


Na onua bɛyi onua ama owuo, na agya ayi ɔba ama, na mma asɔre awofoɔ so, na wɔama wɔakum wɔn.


Wɔbɛdi mpaepaemu na agya ne ne ba anya, na ɔba ne agya anya; na ɛna ne ne babaa anya, na ɔbabaa ne ɛna anya, na aseɛ ne n’asebaa anya, na asebaa ne n’ase anya.


Na me na mɛma mo ano ne nyansa a mo atamfoɔ nyinaa rentumi ntua ano na wɔrennyina anim.


Na me din nti nnipa nyinaa bɛtane mo.


Ɔde nkrantɛ kumm Yohane nua Yakobo.


Na wɔresi Stefano aboɔ no, ɔsrɛɛ sɛ: Awurade Yesu, gye me honhom!


Na wɔnam Adwammaa no mogya ne wɔn adanseɛ asɛm no so adi ne so nkonim, na wɔansuro sɛ wɔbɛwuo.


Menim faako a woteɛ, deɛ Satan ahennwa sie, na wokura me din mu, na woampa me gyidie, nna a wɔkumm me danseni nokwafoɔ Antipa wɔ mo hɔ no mu, deɛ ɔbonsam teɛ hɔ.


Na ɔtee nsɔano a ɛtɔ so nnum no ano no, mehunuu wɔn a Nyankopɔn asɛm ne wɔn adanseɛ a wɔdiiɛ nti wɔakunkum wɔn no akra, afɔrebukyia no ase.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan