Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 20:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na berɛ no duruiɛ no, ɔsomaa akoa bi kɔɔ akuafoɔ no nkyɛn sɛ wɔmma no bobe turo no mu aba no bi; na akuafoɔ no hwee no maa no nam nsansa kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na berɛ no duruiɛ no, ɔsomaa akoa bi kɔɔ akuafoɔ no nkyɛn sɛ wɔmma no bobe turo no mu aba no bi; na akuafoɔ no hwee no maa no nam nsansa kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Bobetew bere dui no, ɔbarima yi somaa ne somfo se onkogye aduaba no bi mmrɛ no. Nanso apaafo no boroo no, ma ɔsan kɔɔ nsapan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Bobeteɛ berɛ duruiɛ no, ɔbarima yi somaa ne ɔsomfoɔ sɛ ɔnkɔgye aduaba no bi mmrɛ no. Nanso, apaafoɔ no boroo no, ma ɔsane kɔɔ nsapan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na bere no dui no, ɔsomaa akoa bi kɔɔ akuafo no nkyɛn, sɛ wɔmma no bobe turo no mu aba no bi; na akuafo no hwee no ma ɔnam nsansa kɔe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 20:10
32 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Kenaana ba Sedekia twe pini bɛbɔɔ Mikaia sotorɔ kaa sɛ: Ɛhe na AWURADE honhom nam firii me nkyɛn kɔ kasa kyerɛɛ woɔ yi?


Na AWURADE nam n’adiyifoɔ nyinaa ne adehunufoɔ nyinaa so dii Israel ne Yuda adanseɛ sɛ: Monsane mfiri mo akwammɔne no so, na monni me mmara nsɛm ne m’ahyɛdeɛ so, sɛ mmara a mehyɛɛ mo agyanom a menam me nkoa adiyifoɔ no so memaa wɔde brɛɛ mo no nyinaa.


Ɛnna Hanun faa Dawid nkoa no, na ɔyiyii wɔn, na ɔtwitwaa wɔn ntadeɛ mu fa fa, de bɛduruu wɔn nsrɛkyire, na ɔgyaa wɔn kwan.


Na Asa nyaa ɔdehunufoɔ no ho abufuo, na ɔde no kɔtoo nneduadan mu, ɛfiri sɛ ɔfaa no yei ho abufuo. Nanso Asa hyɛɛ ɔman no mu binom so ɛberɛ no mu.


Ɛnna wɔyɛɛ asobrakyeɛ na wɔtee w’anim atua, na wɔtoo wo mmara twenee wɔn akyire, na wɔkunkumm w’adiyifoɔ a wɔdii wɔn adanseɛ sɛ wɔde resane wɔn aba wo nkyɛn no, na wɔyɛɛ abusudeɛ akɛseɛ.


Nanso wokuraa wɔn mfeɛ pii, na wode wo honhom nam w’adiyifoɔ so dii wɔn adanseɛ; na wɔantie; ɛnna wode wɔn hyɛɛ nsase no so aman nsa.


Ɔte sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛso n’aba ne berɛ mu, na n’ahahan mpo, na deɛ ɔyɛ nyinaa bɛwie yie.


Kwa ara kwa na mepiraa mo mma; wɔannye atenetene. Mo afena akunkum mo adiyifoɔ sɛ gyata a ɔsɛe adeɛ.


Pasur boroo Odiyifoɔ Yeremia, na ɔde no bɔɔ duam, Benyamin ponkɛseɛ a ɛwɔ soro, AWURADE fie mu no mu.


Na masoma me nkoa, adiyifoɔ no, nyinaa aba mo nkyɛn, metua nhema mesoma wɔn sɛ: Monsane ɛ, mo nyinaa mfiri mo akwammɔne so, na monyɛ mo nneyɛɛ yie, na monnni anyame foforɔ akyi nnsom wɔn, na montena asase a mede memaa mo ne mo agyanom no so. Na moammrɛ mo aso ase, na moantie me.


na wɔnka no wɔn akoma mu sɛ: Momma yɛnsuro AWURADE yɛn Nyankopɔn, na ɔno na ɔma osuo tɔ wɔ ne berɛ mu, asusɔ ne bereamporɔsuo, ɔhwɛ twaberɛ nnapɛn a wahyɛ no so ma yɛn.


O Yerusalem, Yerusalem a wokum adiyifoɔ na wosii wɔn a wɔsomaa wɔn wo nkyɛn no aboɔ! Mprɛ ahe nie a mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano sɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban aseɛ, nanso moampɛ.


Na ɔsane somaa akoa foforɔ; na ɔno nso wɔhwee no bɔɔ no adapaa maa no nam nsansa kɔe.


Na ɔfirii aseɛ buu ɔman no bɛ yi sɛ: Onipa bi yɛɛ bobe turo, na ɔde fɛmm akuafoɔ bi, na ɔgyaa hɔ kɔɔ baabi kɔkyɛree.


Ɛnyɛ mo na moayi me, na me na mayi mo, na mede mo masi hɔ sɛ monkɔ, na monkɔso aba, na mo aba no ntena hɔ, na biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde ama mo.


Saa nti, me nuanom, mo nso, wɔnam Kristo nipadua so akum mo ama mmara no, sɛ monkɔyɛ ɔfoforɔ a ɔno ne deɛ wɔanyane no afiri awufoɔ mu no deɛ, na yɛaso aba ama Onyankopɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan