Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 2:51 - New Revised Asante Twi Bible

51 Na ɔne wɔn sii mu sane kɔɔ Nasaret, na ɔbrɛɛ ne ho ase maa wɔn. Na ne na de nsɛm yi nyinaa siee n’akomam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

51 Na ɔne wɔn sii mu sane kɔɔ Nasaret, na ɔbrɛɛ ne ho ase maa wɔn. Na ne na de nsɛm yi nyinaa siee n’akomam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

51 Yesu ne nʼawofo kɔɔ Nasaret no, ɔyɛɛ osetie maa wɔn. Ne na de nsɛm a esisii no nyinaa siee ne tirim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

51 Yesu ne nʼawofoɔ kɔɔ Nasaret no, ɔyɛɛ ɔsetie maa wɔn. Ne maame de nsɛm a ɛsisiiɛ no nyinaa siee ne tirim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

51 Na ɔne wɔn siim san kɔɔ Nasaret, na ɔbrɛɛ ne ho ase maa wɔn. Na ne na de nsɛm yi nyinaa siee ne komam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 2:51
15 Iomraidhean Croise  

Na ne nuanom ani beree no; na n’agya deɛ, ɔde nsɛm no siee.


Mede wo nsɛm makora m’akomam, na manyɛ wo ho bɔne bi.


Ɛha na nsɛm no ase asie. Na me, Daniel deɛ, m’adwene haa me pii, na m’anim sakyerae, na mede asɛm no mesiee m’akoma mu.


Na ɔgu so rekasa kyerɛ nkurɔfoɔ akuakuo no, hwɛ, ne na ne ne nuanom bɛgyinaa afikyire pɛɛ sɛ wɔne no kasa.


Na Yesu bua see no sɛ: Seesei deɛ, ma ho kwan; na ɛnam yei so na yɛhyɛ tenenee nyinaa ma. Ɛnna ɔmaa no kwan.


Na ɛbaa sɛ nna no mu no, Yesu firi Nasaret a ɛwɔ Galilea bae, na Yohane bɔɔ no asu wɔ Asubɔntene Yordan mu.


Ɛnyɛ duadwumfoɔ yi a ɔyɛ Maria ba no, Yakobo ne Yose ne Yuda ne Simon nom nua no nie? Na ɛnyɛ ne nuammaa na wɔwɔ yɛn nkyɛn ha yi? Na ɔyɛɛ suntidua maa wɔn.


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ, Yesu Nasareni no na ɔretwam.


Na Maria deɛ, ɔde nsɛm yi nyinaa sieeɛ, na ɔdwenee ho n’akoma mu.


Na wɔwiee amanneɛ nyinaa yɛ sɛdeɛ Awurade mmara kyerɛ no, wɔsane kɔɔ wɔn kuro Nasaret a ɛwɔ Galilea mu.


Na ɔbaa Nasaret a wɔtetee no wɔ hɔ no, na homeda, sɛdeɛ ɔyɛ daa no, ɔkɔɔ hyiadan mu, na ɔsɔre gyinae sɛ ɔrebɛkenkan.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ampa ara, mode bɛ yi bɛbu me sɛ: Ɔsafo, sa wo ho yadeɛ! Nnoɔma a yɛate sɛ woyɛɛ no Kapernaum no, yɛ no w’agya kurom ha yi bi!


mommrɛbrɛ mo ho ase mma mo ho wɔ suro a mowɔ wɔ Kristo mu.


Na yei na wɔbɔɔ din frɛɛ mo, ɛfiri sɛ Kristo nso hunuu amane maa mo gyaa mo nhwɛsoɔ sɛ monni n’anammɔn akyi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan