Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 2:49 - New Revised Asante Twi Bible

49 Na ɔsee wɔn sɛ: Adɛn nti na mohwehwɛ me? Monnim sɛ ɛsɛ me sɛ metena m’agya fie?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

49 Na ɔsee wɔn sɛ: Adɛn nti na mohwehwɛ me? Monnim sɛ ɛsɛ me sɛ metena m’agya fie?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

49 Yesu buaa wɔn se, “Adɛn nti na mohwehwɛ me? Munnim sɛ ɛyɛ mʼasɛde sɛ metena mʼagya fi som no ana?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

49 Yesu buaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na mohwehwɛ me? Monnim sɛ ɛyɛ mʼasɛdeɛ sɛ metena mʼagya efie som no anaa?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

49 Na osee wɔn sɛ: Adɛn nti na mohwehwɛ me? Munnim sɛ ɛsɛ me sɛ metena m’agya fi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 2:49
11 Iomraidhean Croise  

Deɛ mepɛ ne sɛ mɛyɛ deɛ wo, me Nyankopɔn, wopɛ, na wo mmara wɔ m’akomam.


Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na AWURADE a mohwehwɛ no, aane apam bɔfoɔ a mopɛ no no bɛba n’asɔrefie; hwɛ, ɔreba, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Na Yesu kɔɔ asɔrefie, na ɔkɔpamm wɔn a wɔtɔn ne wɔn a wɔtɔ firii asɔrefie hɔ, na ɔkaa sikasesafoɔ apono ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma nkonnwa butui.


Na wɔhunuu no no, ɛyɛɛ wɔn ahodwiri, na ne na see no sɛ: Ɔba, adɛn na woayɛ yɛn sɛɛ yi? Hwɛ, me ne w’agya de ahoyera na ahwehwɛ woɔ.


Yesu see wɔn sɛ: M’aduane ne sɛ meyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ, na mewie n’adwuma.


Na ɔbuaa wɔn sɛ: M’Agya gu so yɛ adwuma bɛsi sɛsɛɛ, na me nso meyɛ adwuma.


Na me deɛ, mewɔ adanseɛ a ɛsene Yohane deɛ no; na nnwuma a Agya no de ama me sɛ menwie no, nnwuma no ara a meyɛ no di me ho adanseɛ sɛ Agya no na asoma me.


ɛfiri sɛ mesiane mefiri soro mebae, ɛnyɛ sɛ merebɛyɛ deɛ me ara mepɛ, na mmom deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ.


Na deɛ ɔsomaa me no ka me ho; ɔnnyaa me nko, ɛfiri sɛ, meyɛ deɛ ɛsɔ n’ani daa.


Ɛsɛ yɛn sɛ adekyeeɛ wɔ hɔ yi, yɛyɛ deɛ ɔsomaa me no nnwuma; anadwo reba a obiara ntumi nyɛ adwuma.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan