Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 2:40 - New Revised Asante Twi Bible

40 Na abɔfra no nyiniiɛ, na ɔyɛɛ nnam, na nyansa yɛɛ no ma, na Nyankopɔn adom wɔ ne so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

40 Na abɔfra no nyiniiɛ, na ɔyɛɛ nnam, na nyansa yɛɛ no ma, na Nyankopɔn adom wɔ ne so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

40 Abofra no nyinii, na nyansa hyɛɛ no ma, na na Onyankopɔn adom nso wɔ ne so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

40 Abɔfra no nyinii, na nyansa hyɛɛ no ma, na na Onyankopɔn adom nso wɔ ne so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

40 Na abofra no nyinii, na ɔyɛɛ nnam, na nyansa yɛɛ no ma, na Onyankopɔn adom wɔ no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 2:40
17 Iomraidhean Croise  

Na wo na woyii me firii me na yam, metua me na nufoɔ ano no, na womaa me anidasoɔ.


Wo ho yɛ fɛ sene nnipa mma, wɔde adom ahyɛ w’anomu ma. Enti na Onyankopɔn ahyira wo daa.


Na abɔfra no nyiniiɛ, na ɔnyaa honhom mu ahoɔden; na ɔtenaa serɛ so de kɔduruu da a ɔde ne ho kɔkyerɛɛ Israel.


Na wɔn a wɔtiee no nyinaa, ne nyansa ne ne mmuaeɛ yɛɛ wɔn nwanwa.


Na Yesu nyinii nyansa ne kɛseyɛ ne Nyankopɔn ne nnipa nkyɛn adom mu.


Na Asɛm no bɛyɛɛ honam, na ɔbɛsoeɛɛ yɛn mu, na yɛhunuu n’animuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no korɔ animuonyam, na adom ne nokorɛ ayɛ no ma.


Na asomafoɔ no de tumi kɛseɛ dii Awurade Yesu wusɔreɛ ho adanseɛ, na adom kɛseɛ wɔ wɔn nyinaa so.


Deɛ ɛdi akyire no, momma mo ho nyɛ den Awurade ne n’ahoɔden tumi mu.


Afei wo, me ba, yɛ den adom a ɛwɔ Kristo Yesu mu no mu!


Na ɔbaa no woo ɔbabarima, na ɔtoo no din Samson. Na abɔfra no nyinii, na AWURADE hyiraa no.


Na Samuel deɛ, ɔsom AWURADE anim; ɔyɛ abɔfra a wɔde nwera asɔfotadeɛ abɔ ne mu.


Na AWURADE bɛhwɛɛ Hana, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo mmammarima baasa ne mmammaa baanu. Na abɔfra Samuel no nyinii AWURADE anim.


Na abɔfra Samuel no kɔɔ so ara nyiniiɛ, na ɔnyaa anisɔ, AWURADE ne nnipa anim.


Na Samuel nyinii, na AWURADE dii n’akyi, na asɛm biara a Samuel kaeɛ no baa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan