Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 2:37 - New Revised Asante Twi Bible

37 Na ɔyɛ okunafoɔ a wadi bɛyɛ mfirinhyia aduɔwɔtwe nnan, na ɔmpa asɔrefie hɔ da, na ɔde mmuada ne mpaebɔ som Onyankopɔn adesaeɛ ne adekyeeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

37 Na ɔyɛ okunafoɔ a wadi bɛyɛ mfirinhyia aduɔwɔtwe nnan, na ɔmpa asɔrefie hɔ da, na ɔde mmuada ne mpaebɔ som Onyankopɔn adesaeɛ ne adekyeeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

37 Ne kunu no wu akyi no, ɔyɛɛ kuna kosii sɛ odii mfe aduɔwɔtwe anan, na bere biara nso na ɔwɔ asɔredan mu de mmuadadi ne mpaebɔ som Onyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

37 Ne kunu no wuo akyi no, ɔyɛɛ kuna kɔsii sɛ ɔdii mfeɛ aduɔwɔtwe ɛnan, na ɛberɛ biara nso na ɔwɔ asɔredan mu de mmuadadie ne mpaeɛbɔ som Onyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

37 Na ɔyɛ okunafo a wadi bɛyɛ sɛ mfirihyia aduɔwɔtwe anan, na ɔmpa asɔrefi hɔ da, na ɔde mmuada ne mpaebɔ som Nyankopɔn adesae ne adekyee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 2:37
16 Iomraidhean Croise  

Me Nyankopɔn, meteam mefrɛ wo awia, na wommua me, ne anadwo, nso mennya ɔhome.


Ampa ara yie ne adɔeɛ nko na ɛbɛdi m’akyiri me nkwa nna nyinaa, na mɛtena AWURADE fie daa.


Adeɛ baako na masrɛ AWURADE, ɛno na mɛhwehwɛ akyiri kwan; sɛ me nna a medie nyinaa mɛtena AWURADE fie, na mahwɛ AWURADE animteɛ, na madwene me tirim wɔ n’asɔrefie.


Na wo fie dakorodie yɛ sene nna apem. Mepɛ me Nyankopɔn fie nammɔnnampan mu tena mmom sene sɛ mɛtena abɔnefoɔ ntomadan mu.


Nhyira ne wɔn a wɔte wo fie, wɔbɛkɔ so ayi wo ayɛ.


Wɔn a wɔatɛ wɔn AWURADE fie no bɛfefɛ yɛn Nyankopɔn abannwa so.


Na ɔde kɔbere mfrafraeɛ yɛɛ kuduo no, na ne ntaaseɛ nso yɛ kɔbere mfrafraeɛ a ɔnya firii mmaa a wɔba bɛsom, ahyiaeɛ ntomadan no ano, no kɔbere mfrafraeɛ nhwehwɛ mu.


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na Yohane asuafoɔ taa di mmuada na wɔbɔ mpaeɛ, na Farisifoɔ asuafoɔ nso yɛ saa ara; na w’asuafoɔ deɛ, wɔdidi na wɔnom!


Ɛnna wɔdii mmuada na wɔbɔɔ mpaeɛ na wɔde wɔn nsa guu wɔn soɔ no, wɔgyaa wɔn kwan.


Na wɔsisii mpanimfoɔ maa wɔn, asafo biara mu, na wɔde mmuada bɔɔ mpaeɛ no, wɔde wɔn hyɛɛ Awurade a wɔagye no adie no nsa.


Ɛno ara na yɛn mmusuakuo dummienu no de awia ne anadwo som, a emu yɛ den, ma wɔn ani da so sɛ wɔbɛnya. Ɔhene, saa anidasoɔ yi nti na Yudafoɔ toto m’ano yi.


Na deɛ ɔyɛ okunafoɔ ampa, na aka ne nko no, ɔde n’ani to Nyankopɔn so, na ɔkura nkotosrɛ ne mpaebɔ mu anadwo ne awia.


Deɛ ɔdi nkonim no, mɛyɛ no fadum me Nyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfiri adi bio, na mɛtwerɛ me Nyankopɔn din wɔ ne so, ne me Nyankopɔn kuro a ɛyɛ Yerusalem foforɔ, a ɛfiri soro ba fam firi me Nyankopɔn nkyɛn no din, ne me din foforɔ no.


Yei nti na wɔwɔ Nyankopɔn ahennwa anim, na wɔsom no awia ne anadwo n’asɔredan mu, na deɛ ɔte ahennwa no soɔ no bɛkata wɔn so.


Obiara nyɛ Kronkron sɛ AWURADE, na obiara nni w’akyi, na Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan