Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 2:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na ɛbaa sɛ abɔfoɔ no firii wɔn nkyɛn kɔɔ soro no, nnwanhwɛfoɔ no keka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho sɛ: Momma yɛnkɔ Betlehem, na yɛnkɔhwɛ asɛm a aba a Awurade ayi akyerɛ yɛn yi ɛ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

15 Na ɛbaa sɛ abɔfoɔ no firii wɔn nkyɛn kɔɔ soro no, nnwanhwɛfoɔ no keka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho sɛ: Momma yɛnkɔ Betlehem, na yɛnkɔhwɛ asɛm a aba a Awurade ayi akyerɛ yɛn yi ɛ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Bere a abɔfokuw yi san kɔɔ ɔsoro no, nguanhwɛfo no keka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Momma yɛnkɔ Betlehem hɔ na yɛnkɔhwɛ saa anwonwasɛm a asi wɔ hɔ a Awurade ada no adi akyerɛ yɛn yi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Ɛberɛ a abɔfokuo yi sane kɔɔ ɔsoro no, nnwanhwɛfoɔ no keka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Momma yɛnkɔ Betlehem hɔ na yɛnkɔhwɛ saa anwanwasɛm a asi wɔ hɔ a Awurade ada no adi akyerɛ yɛn yi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 Na ɛbae sɛ abɔfo no fii wɔn nkyɛn kɔɔ ɔsoro no, nguanhwɛfo no keka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: Momma yɛnkɔ Betlehem, na yɛnkɔhwɛ nea aba a Awurade ayi akyerɛ yɛn yi ɛ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 2:15
12 Iomraidhean Croise  

Na ɛbaa sɛ, AWURADE rebɛfa Elia ahum mu akɔ ɔsoro no, na Elia ne Elisa firi Gilgal rekɔ.


Na ɛbaa sɛ, wɔnam rekorɔ na wɔrekasa no, hwɛ, ogya teaseɛnam ne ogya apɔnkɔ ba bɛpaee wɔn baanu no ntam, na Elia faa ahum mu foro kɔɔ ɔsoro.


AWURADE nneyɛɛ yɛ akɛseɛ, wɔn a ɛyɛ wɔn fɛ nyinaa hwehwɛ akyiri kwan.


Na Mose kaa sɛ: Yei deɛ, mɛmane makɔhwɛ ahwɛdeɛ kɛseɛ yi, adekodeɛ a enti nkyɛkyerɛ no nhyeɛ.


Anafoɔ fam hemmaa no ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmuo no mu, na wɔabu wɔn fɔ, ɛfiri sɛ ɔfiri asase ano nohoa bɛtiee Salomo nyansa; na hwɛ, deɛ ɔsene Salomo wɔ ha.


Animuonyam nka Onyankopɔn wɔ sorosoro, na asomdwoeɛ nka nnipa a wɔsɔ n’ani wɔ asase so.


Na wɔkɔɔ no ntɛm so, na wɔkɔhunuu Maria ne Yosef ne akɔkoaa no sɛ ɔda mmoa adididaka no mu.


Na ɛbaa sɛ ɔrehyira wɔn no, ɔne wɔn paepaee mu, na wɔmaa no so kɔɔ soro.


Ɔno na ɔkɔɔ ɔsoro no, ɔte Nyankopɔn nifa, na abɔfoɔ ne wɔn a wɔwɔ ahoɔden ne tumi mu no abrɛ wɔn ho ase ama no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan