Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 19:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Ampa ara, ɛnnɛ na nkwagyeɛ aba fie yi mu, ɛfiri sɛ ɔno nso yɛ Abraham ba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Apa ara, ɛnnɛ na nkwagyeɛ aba fie yi mu, ɛfiri sɛ ɔno nso yɛ Abraham ba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Nnɛ na nkwagye aba ofi yi mu, efisɛ oyi nso yɛ Abraham ba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnnɛ na nkwagyeɛ aba efie yi mu, ɛfiri sɛ, yei nso yɛ Abraham ba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: ampa ara, ɛnnɛ na nkwagye aba ofi yi mu, efisɛ ɔno nso yɛ Abraham ba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 19:9
15 Iomraidhean Croise  

Na hwɛ, ɔbaa yi a ɔyɛ Abraham babaa a Satan akyekyere no mfirinhyia dunwɔtwe yi, ɛnsɛ sɛ wɔsane no firi kyekyerɛ yi mu homeda?


Na hwɛ, akyikafoɔ bi wɔ hɔ a wɔbɛdi kan, na adikanfoɔ bi wɔ hɔ a wɔbɛka akyire.


Na ɔteaa mu sɛ: Agya Abraham, hu me mmɔbɔ, na soma Lasaro ma no mfa ne nsateaa ano nkɔbɔ nsuo mu, na ɔmfa mmɛdwodwo me tɛkyerɛma; na merehunu amane ogyaframa yi mu.


Na ɔse: Dabi, agya Abraham, na sɛ obi firi awufoɔ mu kɔ wɔn nkyɛn a, ɛnna wɔbɛsakyera wɔn adwene.


ɛfiri sɛ m’ani ahunu wo nkwagyeɛ


Na afei monso aba a ɛfata adwensakyera, na mommfiri aseɛ nnka no mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mese mo sɛ, Onyankopɔn bɛtumi anyane mma afiri aboɔ yi mu ama Abraham.


Enti ɛfiri gyidie mu, sɛ ɛmfiri adom mu mmra, na bɔhyɛ no atim ama n’asefoɔ no nyinaa; ɛnyɛ wɔn a wɔfiri mmara mu no nko, (na mmom wɔn a wɔfiri Abraham a ɔyɛ yɛn nyinaa agya, gyidie mu no nso bi,


na ama Abraham nhyira aba amanaman so wɔ Yesu Kristo mu, na yɛnam gyidie so anya Honhom bɔhyɛ no.


Na sɛ moyɛ Kristo dea a, ɛnneɛ na moyɛ Abraham asefoɔ, na monam bɔhyɛ no so yɛ adedifoɔ.


saa ara nso na monhunu sɛ wɔn a wɔfiri gyidie mu no, wɔn ara ne Abraham mma.


Mo a kane no monyɛ ɔman, na afei moayɛ Nyankopɔn man, mo a monnyaa mmɔborɔhunu, na afei deɛ, moanya mmɔborɔhunu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan