Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 19:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na Sakeo gyina ka kyerɛɛ Awurade sɛ: Ao, Awurade, mede m’ahodeɛ fa mekyɛ ahiafoɔ, na sɛ menam nkontompo so magye obi biribi a, mebɔ ho mprɛnnan metua ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na Sakeo gyina ka kyerɛɛ Awurade sɛ: Ao, Awurade, mede m’ahodeɛ fa mekyɛ ahiafoɔ, na sɛ menam nkontompo so magye obi biribi a, mebɔ ho mprɛnnan metua ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Bere a nnipa no renwiinwii no, Sakeo begyinaa Yesu nkyɛn kae se, “Awurade, nnɛ, mede mʼahode mu fa kyɛ ahiafo, na sɛ masisi obi wɔ biribi mu a, metua mmɔho anan ama no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɛberɛ a nnipa no renwiinwii no, Sakeo bɛgyinaa Yesu nkyɛn kaa sɛ, “Awurade, ɛnnɛ, mede mʼahodeɛ mu fa kyɛ ahiafoɔ, na sɛ masisi obi wɔ biribi mu a, mɛtua mmɔho nan ama no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na Sakeo gyina ka kyerɛɛ Awurade sɛ: Ao! Awurade, hwɛ, mede m’ahode fa mɛkyɛ ahiafo, na sɛ menam nkontompo so magye obi biribi a, mɛbɔ ho mpɛn anan matua ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 19:8
22 Iomraidhean Croise  

Na odwan no, ɔnhyɛ ananmu mprɛnnan, sɛ wadi saa asɛm yi na wanhunu mmɔborɔ.


Nhyira ne deɛ ɔdwene mmɔborɔni ho, AWURADE bɛgye no, da bɔne mu.


Nni wo yɔnko ho adansekurumu.


Nanso sɛ wɔhu no a, ɔbɔ ho mprɛnson, ɔde n’afideɛ nyinaa bɛma.


na sɛ ɔbɔnefoɔ dane awowasideɛ kɔma, ɔhyɛ deɛ ɔfomeeɛ no ananmu, ɔnante nkwa ahyɛdeɛ mu sɛ ɔrenyɛ amumuyɛdeɛ a, nya na ɔbɛnya nkwa, ɔrenwu;


ɔmpae mu nka wɔn bɔne a wɔayɛ no, na ɔntua n’asodideɛ no abotene mfa abupɛn nnum mu baako nto so, na ɔmfa mma onipa a wayɛ bɔne atia no no.


Na hwɛ, deɛ ɛwɔ mu no, momfa bi nyɛ adɔeɛ; ɛno na ne nyinaa ho bɛfiri ama mo.


Montɔn deɛ mowɔ mfa nyɛ adɔeɛ, monyɛ sika nkotokuo a ɛrenyɛ dada mfa, ɛne agyapadeɛ a ɛrensa da ɔsoro, deɛ owifoɔ mma ho, na nweweboaa nsɛe no.


Na me nso mese mo sɛ, momfa ahonyadeɛ a ɛntene no bi so nya nnamfoɔ, na sɛ ɛhia mo a, wɔagye mo akɔ daa afie no mu.


Na nkurɔfokuo no hunuiɛ no, wɔn nyinaa nwiinwii kaa sɛ: Ɔrekɔ akɔsoɛ ɔbarima a ɔyɛ debɔneyɛni.


Na Awurade hunuu ɔbaa no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nsu!


Na Yohane frɛɛ n’asuafoɔ no mu baanu somaa wɔn kɔɔ Awurade nkyɛn sɛ: Wone deɛ ɔreba no anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforɔ?


Hwɛ, menie, monni me adanseɛ AWURADE ne deɛ wasra no yi anim, hwan nantwie na mafa? Na hwan afunumu na mafa? Na hwan na madi no amim? Na hwan na mahyɛ ne soɔ anaa hwan hɔ na magye adanmudeɛ na mede mamua m’ani mama no? Na mennane memma mo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan