Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 19:47 - New Revised Asante Twi Bible

47 Na daa ɔkyerɛkyerɛɛ asɔrefie hɔ; na na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ ne ɔman no mu atitire rehwehwɛ no aku no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

47 Na daa ɔkyerɛkyerɛɛ asɔrefie hɔ; na na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ ne ɔman no mu atitire rehwehwɛ no aku no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

47 Saa bere no nyinaa na asɔfo mpanyimfo, Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo ne ɔman no mu mpanyimfo rehwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so anya no akyere no akum no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

47 Saa ɛberɛ no nyinaa na asɔfoɔ mpanimfoɔ, Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ rehwehwɛ ɛkwan a wɔbɛfa so anya no, akyere no, akum no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

47 Na daa ɔkyerɛkyerɛe asɔrefi hɔ; na asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo ne ɔman no mu atitiriw rehwehwɛ no akum no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 19:47
17 Iomraidhean Croise  

Na ɔduruu asɔrefie na ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nnoɔma yi, na hwan na ɔmaa wo saa tumi yi?


Ɛdɔn no mu ara na Yesu see nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ: Moaba sɛdeɛ moreba odwotwafoɔ so de nkrantɛ ne mmaa rebɛkye me? Metenaa asɔrefie mekyerɛkyerɛɛ daa, nanso moankye me.


Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no teeɛ, na wɔhwehwɛɛ sɛdeɛ wɔbɛkum no; nso na wɔsuro no, ɛfiri sɛ na ne nkyerɛkyerɛ yɛ nkurɔfokuo no nyinaa nwanwa.


Na wɔhwehwɛɛ sɛ wɔkyere no, nanso na wɔsuro nkurɔfokuo no; na wɔhunuu sɛ ɛbɛ a ɔbuiɛ no, ɔne wɔn. Na wɔgyaa no hɔ sii mu kɔe.


Na aka nnanu na Twam ne Apiti afahyɛ aduro no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no hwehwɛɛ sɛdeɛ wɔbɛyɛ akye no nyansa mu, na wɔakum no.


Daa a mewɔ mo nkyɛn asɔrefie rekyerɛkyerɛ no, moankye me; na sɛdeɛ atwerɛsɛm no bɛba mu ntira!


Na wɔanhunu deɛ wɔbɛyɛ; ɛfiri sɛ ɔman no nyinaa de wɔn ho bataa ne ho tiee no.


Na Atwerɛfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no hwehwɛɛ sɛ wɔde wɔn nsa kɔsɔ ne mu kye no dɔn no ara mu, nanso wɔsuroo ɔman no; ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ ɛbɛ a ɔbuiɛ no, ɔne wɔn.


Ɛnna wɔhwehwɛɛ bio sɛ wɔkye no, na ɔfiri wɔn nsa kɔe.


Yesu buaa no sɛ: Me deɛ, mekasaa pefee mekyerɛɛ wiase; daa mekyerɛkyerɛɛ hyia adan mu ne asɔrefie, faako a Yudafoɔ nyinaa hyia, na kokoam deɛ menkaa hwee.


Ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo mmara no? Nanso mo mu biara nni mmara no so. Adɛn na morehwehwɛ me aku me?


Na wɔn mu binom pɛɛ sɛ wɔkye no; nanso obiara amfa ne nsa anka no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan