Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 19:41 - New Revised Asante Twi Bible

41 Na ɔbɛneeɛ no, ɔhwɛɛ kuro no suu wɔ so sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

41 Na ɔbɛneeɛ no, ɔhwɛɛ kuro no suu wɔ so sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

41 Yesu rebɛn Yerusalem a ohuu kurow no, osu maa mu nnipa no se,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

41 Yesu rebɛn Yerusalem a ɔhunuu kuro no no, ɔsu maa emu nnipa no sɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

41 Na ɔbɛn no, ɔhwɛɛ kurow no sui wɔ so se:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 19:41
14 Iomraidhean Croise  

Na ɔgyenee n’ani hwɛɛ no dinn kɔsii sɛ n’ani wuiɛ, na Nyankopɔn nipa no sui.


Asutene sene m’aniwa mu gu, ɛfiri sɛ nnipa nni wo mmara so.


Mehunu nnabrabafoɔ nkontompofoɔ a, wɔn ho yɛ me nwunu, sɛ wɔnni w’asɛm soɔ.


Abufuhyeɛ hyɛ me so, abɔnefoɔ a wɔgya wo mmara no nti.


Enti na mese: Monyi mo ani mfiri me so na mensu su yaya. Monnhyɛ me sɛ mobɛkyekyere me werɛ, me man babaa no sɛeɛ ho.


Na AWURADE bɛsɔre sɛdeɛ ɔyɛɛ no Perasim bepɔ soɔ no, na ne bo ahuru sɛdeɛ ɛyɛe wɔ Gibeon bonhwa mu no, na wayɛ n’adeɛ bi a ɛyɛ anwanwadeɛ, na wayɛ n’adwuma bi a ɛyɛ anwanwa dwuma no.


Na sɛ moantie a, me kra bɛsu kokoam, mo ahantan nti, na m’ani afiri nisuo ara, na nisuo aporepore me, sɛ wɔafa AWURADE nnwankuo no nnommum mu.


Nso me deɛ, menhyɛɛ wo sɛ ma bɔne mmra, na menhwɛɛ mmusuo da no kwan, wo ara wonim. Deɛ ɛfiri m’anomu baeɛ no, ɛda w’anim hɔ.


O sɛ me tiri yɛɛ nsuo na m’ani yɛɛ nisuo abura a, anka mɛsu me man babaa wuo no awia ne anadwo.


Anka mɛyi wo mama sɛn, O Efraim, na magyaa wo mu sɛn, O Israel! Adɛn nti na mɛyi wo mama sɛ Adma, na mayɛ wo sɛ Seboim? M’akoma adane wɔ me mu, aane! mmɔborɔhunu agye me yam nyinaa.


Wo ara nso mpo, ɛnnɛ sɛ wo ankasa wonim deɛ ɛfa asomdwoeɛ ho a, anka ɛyɛ. Nanso afei, wɔde ahunta wo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan