Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 18:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na Yesu tee saa no, ɔsee no sɛ: Ɛda so ka wo adeɛ baako, kɔtɔn deɛ wowɔ nyinaa, na kyɛ ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ wɔ soro, na bra bɛdi m’akyi!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Na Yesu tee saa no, ɔsee no sɛ: Ɛda so ka wo adeɛ baako, kɔtɔn deɛ wowɔ nyinaa, na kyɛ ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ wɔ soro, na bra bɛdi m’akyi!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Yesu tee nea osikani no kae no, ɔka kyerɛɛ no se, “Ade baako pɛ na aka wo a ɛsɛ sɛ woyɛ. Kɔ na kɔtɔn wʼahode nyinaa na kyɛ sika no ma ahiafo na wubenya agyapade wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu, na afei bra bedi mʼakyi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Yesu tee deɛ osikani no kaeɛ no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Adeɛ baako pɛ na aka wo a ɛsɛ sɛ woyɛ. Kɔ na kɔtɔn wʼahodeɛ nyinaa na kyɛ sika no ma ahiafoɔ na wobɛnya agyapadeɛ wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu, na afei, bra bɛdi mʼakyi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Na Yesu tee saa no, osee no sɛ: Ɛda so ka wo ade biako, kɔtɔn nea wowɔ nyinaa, na kyɛ ma ahiafo, na wubenya ademude ɔsoro; na bra bedi m’akyi!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 18:22
16 Iomraidhean Croise  

Adeɛ baako na masrɛ AWURADE, ɛno na mɛhwehwɛ akyiri kwan; sɛ me nna a medie nyinaa mɛtena AWURADE fie, na mahwɛ AWURADE animteɛ, na madwene me tirim wɔ n’asɔrefie.


Yesu see no sɛ: Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a, kɔ na kɔtɔn deɛ wowɔ, na fa ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ wɔ soro, na bra bɛdi m’akyi!


adeɛ baako na ɛhia: Maria deɛ, wayi deɛ ɛyɛ no, ɛno na wɔrennye ne nsam.


Montɔn deɛ mowɔ mfa nyɛ adɔeɛ, monyɛ sika nkotokuo a ɛrenyɛ dada mfa, ɛne agyapadeɛ a ɛrensa da ɔsoro, deɛ owifoɔ mma ho, na nweweboaa nsɛe no.


Na me nso mese mo sɛ, momfa ahonyadeɛ a ɛntene no bi so nya nnamfoɔ, na sɛ ɛhia mo a, wɔagye mo akɔ daa afie no mu.


Na ɔkaa sɛ: Yeinom nyinaa, mefiri me mmɔfraase na medii soɔ.


Na ɔtee yei no, ɛyɛɛ no awerɛho sɛ; ɛfiri sɛ na ɔyɛ ɔdefoɔ kɛseɛ.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ: Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi m’akyiri a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asɛnnua daa, na ɔnni m’akyi.


Anuanom, me deɛ, mensusu sɛ me nsa anya aka biribi; nanso adeɛ baako pɛ na meyɛ, mema me werɛ firi deɛ atwa mu no, na metwe me mu mepɛ deɛ ɛwɔ anim no.


Na, adɔfo, mommma adeɛ baako yi nnhunta mo, sɛ da koro yɛ Awurade sɛ mfirinhyia apem, na mfirinhyia apem yɛ no sɛ da koro.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan