Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 18:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na ɔtogyeni no deɛ, ɔgyinaa akyirikyiri, na wampɛ sɛ ɔma n’ani so kyerɛ soro mpo, na mmom ɔbɔɔ ne koko so kaa sɛ: Onyankopɔn, hu me debɔneyɛni mmɔbɔ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Na ɔtogyeni no deɛ, ɔgyinaa akyirikyiri, na wampɛ sɛ ɔma n’ani so kyerɛ soro mpo, na mmom ɔbɔɔ ne koko so kaa sɛ: Onyankopɔn, hu me debɔneyɛni mmɔbɔ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 “Saa bere no na towgyeni no gyina akyiri baabi a ɔmpɛ sɛ ɔma nʼani so kyerɛ ɔsoro. Ɔde ne nsa guu ne bo bɔɔ mpae se, ‘Onyankopɔn, hu me ɔdebɔneyɛni mmɔbɔ!’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 “Saa ɛberɛ no na ɔtogyeni no gyina akyiri baabi a ɔmpɛ sɛ ɔma nʼani so kyerɛ ɔsoro. Ɔde ne nsa guu ne bo bɔɔ mpaeɛ sɛ, ‘Onyankopɔn, hunu me ɔdebɔneyɛfoɔ mmɔbɔ!’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Na ɔtowgyeni no de ogyinaa akyirikyiri, na wampɛ sɛ ɔma n’ani so kyerɛ ɔsoro po, na mmom ɔbɔɔ ne koko kae sɛ: Onyankopɔn, hu me debɔneyɛfo mmɔbɔ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 18:13
45 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Natan sɛ: Mayɛ AWURADE bɔne. Na Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: AWURADE nso de wo bɔne akyɛ wo, worenwu.


Na ne mpaebɔ ne sɛ wɔtiee no no, ne ne bɔne ne mmarato nyinaa, ne faako a ɔtotoo sorɔnsorɔmmea, na ɔsisii Asera nnua ne ahoni ansa na ɔrebrɛ ne ho aseɛ no, hwɛ, wɔatwerɛ no adehunufoɔ nsɛm mu.


Na wammrɛ ne ho ase AWURADE anim sɛdeɛ n’agya Manase brɛɛ ne ho aseɛ no, na ɔno Amon maa mfomsoɔ dɔɔso.


sɛ: Me Nyankopɔn, m’ani awu na ɛyɛ me fɛre sɛ mɛma m’ani so makyerɛ woɔ, me Nyankopɔn, ɛfiri sɛ yɛn amumuyɛ adɔɔso atra yɛn ti, na yɛn asodie aso akɔduru ɔsoro.


Saa nti na mepo me ho na menu me ho, dɔteɛ ne nso mu.


Yɛne yɛn agyanom ayɛ bɔne, yɛafom, yɛayɛ bɔne kɛse.


AWURADE, ma w’adɔeɛ mmra mma me, ne wo nkwagyeɛ sɛdeɛ w’asɛm teɛ.


Israel, ma w’ani nna AWURADE so, n’afam na adɔeɛ wɔ, na ɔgyeɛ a ɛdɔɔso wɔ ne nsam.


AWURADE, wo din nti fa me bɔne kyɛ me, na ɛdɔɔso pii.


Nkae me mmɔfraase bɔne ne me mfomsoɔ, na mmom kae me sɛdeɛ w’adɔeɛ teɛ, AWURADE, w’ayamyie nti.


Na bɔne a wɔnnim ano atwa me ho ahyia, m’amumuyɛ asɔ me mu a ɛmma menhunu adeɛ bio, ɛdɔɔso sene me tiri so nwi, na m’akoma agya me.


Me na mekaa sɛ: AWURADE, hu me mmɔbɔ, sa me kra yadeɛ, na mayɛ wo bɔne!


Na ɔman no nyinaa hunu mununkum dum no sɛ ɛgyina ntomadan no ano a, ɔman no nyinaa sɔresɔre, na obiara koto sɔre wɔ ne ntomadan ano.


Mommra mma yɛmfa adwene ɛ, AWURADE na ɔseɛ; sɛ mo bɔne te sɛ koogyan a, ɛbɛhoa sɛ nwera, sɛ ɛbere sɛ mogya a, ɛbɛyɛ fitaa sɛ akaadoo.


Ɛnna mekaa sɛ: Mennue, na mayera; na meyɛ onipa a m’ano ho nteɛ, na mete ɔman a wɔn ano ho nteɛ mu, ɛfiri sɛ Ɔhene, asafo AWURADE, na m’ani ahu no yi!


Na yeinom nyinaa, me nsa na ɛyɛeɛ, saa nti yeinom nyinaa yɛ me dea, AWURADE asɛm nie. Na deɛ mɛhwɛ no nie: Deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ, na ne honhom abubuo, na ne ho popo m’asɛm ano.


deɛ ɛbɛyɛ na woakaeɛ, na w’ani awuo, na w’aniwuo nti woammue w’ano bio, sɛ makata deɛ woyɛeɛ no nyinaa so mama woɔ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


yɛayɛ bɔne, na yɛafom, yɛadi abɔnefosɛm, na yɛate atua, yɛafiri wo mmara nsɛm ne w’atemmudeɛ ho kɔ.


Filipo ne Bartolomeo, Toma ne togyeni Mateo no, Alfeo ba Yakobo ne Tadeo,


Na sɛ morebɔ mpaeɛ a, monnyɛ sɛ nyaatwomfoɔ no; na wɔpɛ sɛ wɔgyina hyia adan mu, ne mmɔntene ntweaso bɔ mpaeɛ, na nnipa ahu wɔn. Nokorɛ mese mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dada.


Na monkɔ nkɔsua yei ase: Mepɛ mmɔborɔhunu na ɛnyɛ afɔrebɔ. Mammɛfrɛ ateneneefoɔ, na mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfoɔ.


Na sɛ mogyina hɔ rebɔ mpaeɛ, na mowɔ biribi tia obi a, momfa nkyɛ no, na mo Agya a ɔwɔ soro no nso de mo mfomsoɔ akyɛ mo.


Na ɔrekɔ akuraa bi aseɛ no, mmarima du bi a wɔyɛ akwatafoɔ hyiaa no a wɔgyinagyina akyirikyiri,


Na ɔtwee ne ho firii wɔn nkyɛn bɛyɛ sɛ deɛ wɔto ɔboɔ a, ɛbɛtɔ no, ɔkotoo ne nan anim bɔɔ mpaeɛ


Na nkurɔfoɔ akuakuo a wɔbaa hɔ bɛhwɛɛ adeɛ no nyinaa hunuu deɛ asie no, wɔbobɔɔ wɔn koko so, sane kɔe.


Na Simon Petro hunuiɛ no, ɔhwee Yesu nan ase kaa sɛ: Firi me nkyɛn kɔ, Awurade, na meyɛ onipa debɔneyɛni.


Na wɔteeɛ no, ɛwowɔɔ wɔn akoma mu, na wɔka kyerɛɛ Petro ne asomafoɔ a aka no sɛ: Anuanom, yɛnyɛ dɛn?


Na Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, ɛfiri sɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfoɔ no, Kristo wu maa yɛn.


Na mo werɛ a ɛhoo Nyankopɔn kwan soɔ no ara, monhwɛ nsiyɛ korɔ a ɛmaa mo, ɛne anoyie ne ahi ne ehu ne anigyina ne mmɔdemmɔ ne aweretɔ! Na biribiara mu no moyii mo ho kyerɛɛ sɛ mo ho te, asɛm no mu.


Ɛyɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wɔgye koraa, sɛ Kristo Yesu baa wiase bɛgyee nnebɔneyɛfoɔ a me na medi wɔn mu kan.


Enti momma yɛmfa nnam mmra adom ahennwa no anim, na yɛanya mmɔborɔhunu, na yɛahunu adom, na ɛberɛ a ɛsɛ mu aboa yɛn.


Na mɛdom wɔn amumuyɛ ho, na wɔn bɔne deɛ, merenkae bio.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan