Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 18:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɔbuu wɔn bɛ bi de kyerɛɛ sɛ ɛtwa sɛ nnipa bɔ mpaeɛ daa a wɔmmrɛ ho:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na ɔbuu wɔn bɛ bi de kyerɛɛ sɛ ɛtwa sɛ nnipa bɔ mpaeɛ daa a wɔmmrɛ ho:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Da bi, Yesu nam mmebu so kyerɛɛ nʼasuafo no hia a ehia sɛ wɔbɔ mpae daa a wɔmpa abaw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɛda bi Yesu nam abɛbuo so kyerɛɛ nʼasuafoɔ no hia a ɛhia sɛ wɔbɔ mpaeɛ daa a wɔmpa aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na obuu wɔn bɛ bi de kyerɛe sɛ etwa sɛ nnipa bɔ mpae daa a wɔmmrɛ ho

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 18:1
26 Iomraidhean Croise  

wadane n’ani akyerɛ onnibie mpaebɔ, na wampo wɔn mpaebɔ.


Megye medi sɛ mɛhunu AWURADE ayamyɛ, ateasefoɔ asase so.


O mpaebɔ tiefoɔ, wo nkyɛn na nnipa nyinaa ba.


O AWURADE, hu me mmɔbɔ, na wo na mesu mefrɛ wo da mu nyinaa.


na wɔn a wɔtwɛn AWURADE no deɛ, wɔbɛnya ahoɔden foforɔ, wɔde ntaban bɛforo sɛ akɔdeɛ, wɔbɛtu mmirika, na wɔmmrɛ, wɔbɛnante, na wɔnntɔ piti.


Na mommma no nnye n’ahome kɔsi sɛ ɔbɛtoto Yerusalem ama no asi hɔ ayɛ ayeyie wɔ asase soɔ.


Na mobɛfrɛ me, na moakɔ akɔbɔ me mpaeɛ, na matie mo.


Me kra tɔɔ me mu piti no, mekaee AWURADE, na me mpaebɔ duruu wo nkyɛn, aane w’asɔrefie kronkron hɔ.


Na obiara a ɔbisa no, ɔnya; na deɛ ɔhwehwɛ no, ɔhunu; na deɛ ɔbɔ mu no, wɔbɛhini no.


Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de adwane afiri nnoɔma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakɔgyina Onipa Ba no anim.


Momma mo ani nnye anidasoɔ mu, ahohia mu monto mo bo ase, monkura mpaebɔ mu ara!


Saa nti, sɛ yɛnam Nyankopɔn mmɔborɔhunu so wɔ saa som yi nti, yɛmpa aba,


Na mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa aba a, yɛbɛtwa so aba ne berɛ mu.


na momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ nyinaa mmɔ mpaeɛ daa honhom mu, na ɛno ara nti monwɛn, na montoa so ara nsrɛ mma ahotefoɔ nyinaa,


Monnna nnnwene biribiara nnha mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ ɛne aseda mma mo adesrɛ nnuru Nyankopɔn aso mu;


Kristo Yesu akoa Epafra a ɔfiri mo mu no kyea mo. Daa ɔdi ma mo dendeenden wɔ mpaebɔ mu, sɛ monnyina hɔ pɛpɛɛpɛ, na moayɛ ma Nyankopɔn apɛdeɛ nyinaa mu.


Monkura mpaebɔ mu ara, na momfa aseda nwɛn wɔ mu.


Na ɛbaa sɛ, ɔgu so rebɔ mpaeɛ AWURADE anim no, Eli hwɛɛ n’ano dinn;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan