Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 16:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na owura no kamfoo efiepanin oniteɛfoɔ no sɛ wadi no nyansam; yei mpo kyerɛ sɛ, wiase yi mma wɔ nyansa sene hann mma wɔn mfɛfoɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na owura no kamfoo efiepanin oniteɛfoɔ no sɛ wadi no nyansam; yei mpo kyerɛ sɛ, wiase yi mma wɔ nyansa sene hann mma wɔn mfɛfoɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 “Ɔdefo no huu nea ofi sohwɛfo no yɛe no akyi, nanso ɔnam fɛwdi so kamfoo no wɔ nʼanifiri no ho. Saa ara nso na wiase yi mma susuw sɛ wonim nyansa sen wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn akyidifo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 “Ɔdefoɔ no hunuu deɛ efie sohwɛfoɔ no yɛeɛ no akyi, nanso ɔnam fɛdie so kamfoo no wɔ nʼanifire no ho. Saa ara nso na ewiase yi mma susu sɛ wɔnim nyansa sene wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn akyidifoɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na owura no kamfoo ofiepanyin nitewfo no sɛ wadi no nyansam, eyi mpo kyerɛ sɛ, wiase yi mma wɔ nyansa sen hann mma wɔn mfɛfo mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 16:8
23 Iomraidhean Croise  

Na ɔwɔ yɛ aniteɛ kyɛne wiram mmoadoma a AWURADE Nyankopɔn yɛɛ wɔn nyinaa. Na ɔbisaa ɔbaa no sɛ: Ampa ara sɛ Onyankopɔn aka akyerɛ mo sɛ: Monnni turom ha nnua nyinaa bi?


Na Amnon wɔ adamfo bi a wɔfrɛ no Yonadab, Dawid nua Simea ba. Na Yonadab yɛ onitefoɔ yie.


Na afei, Baal adiyifoɔ nyinaa, ne n’asomfoɔ nyinaa ne n’asɔfoɔ nyinaa, momfrɛ wɔn mmra me nkyɛn, mommma obiara nnka, na mewɔ afɔdeɛ kɛseɛ bi bɔ mema Baal; obiara a ɔremma no rennya nkwa. Na Yehu yɛɛ no aniteɛ mu, sɛ ɔrebɛsɛe Baal asomfoɔ.


AWURADE, fa wo nsa bɛgye me firi nnipa nsam, nnipa a wɔn nkwa kyɛfa yɛ wiase deɛ, fa deɛ wɔasiesie ama wɔn hyɛ wɔn yafunu ma; ma wɔn mma nya no mmorosoɔ, na wɔnnya bi mma wɔn mmotafowa.


Momma yɛmfa nyansa kwan bi so ne wɔn nni, na wɔannɔɔso, na sɛ ɛsa bi ba a, wɔankɔka yɛn atamfoɔ ho ne yɛn ammɛko, na wɔansɔre asase yi so ankɔ.


Onipa nimdeɛ so na wɔyi no ayɛ, na deɛ wakyea n’akoma no anim bɛgu ase.


Na deɛ ɔbɛkasa atia Onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no; na deɛ ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron deɛ, wɔremfa nkyɛ no wiase ha ne wiase a ɛreba no mu.


Na ɔbuaa sɛ ananafoɔ hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnneɛ na mma no de wɔn ho.


Deɛ ɔdi ade ketewa mu nokorɛ no di pii mu nokorɛ; na deɛ ɔntene adeɛ ketewa mu no, na ɔntene bebree mu nso.


Aane, mahunu deɛ mɛyɛ, na wɔtu me firi me paninnie so a, wɔagye me akɔ wɔn afie.


Ɛnna ɔsee ɔfoforɔ sɛ: Na wo nso, ɛka ahe na wodeɛ? Na ɔse: Mede ayuo nkotokuo ɔha. Na ɔsee no sɛ: Fa wo nwoma na twerɛ aduɔwɔtwe!


Na Awurade se: Montie deɛ ɔtemmufoɔ a ɔntene yi ka!


Na Yesu bua see wɔn sɛ: Wiase yi mma ware, na wɔde wɔn ma awadeɛ;


na wɔn a wɔbɛbu wɔn sɛ ɛsɛ wɔn sɛ wɔn nsa bɛka wiase foforɔ no ne ɔsɔreɛ a wɔbɛsɔre afiri awufoɔ mu no deɛ, wɔnware, nso wɔmfa wɔn mma awadeɛ.


Mowɔ hann no yi, monnye hann no nni, na moayɛ hann no mma. Yesu kaa yeinom, na ɔfiri wɔn anim hɔ kɔhuntaeɛ.


Obiara nnnaadaa ne ho. Sɛ obiara susu sɛ ɔyɛ onyansafoɔ mo mu, wiase a, ma no nyɛ kwasea na wayɛ onyansafoɔ.


Na akane no, na moyɛ sum, na afei deɛ, moyɛ hann, Awurade mu; monnante sɛ hann mma,


wɔn na wɔn awieeɛ ne ɔsɛeɛ, wɔn nyame ne yafunu, na wɔn animuonyam wɔ wɔn aniwuo mu, na asase so nnoɔma ho na wɔdwene.


Mo nyinaa moyɛ hann mma ne adekyeeɛ mma; yɛnyɛ anadwo anaa esum dea.


Na mo deɛ, moyɛ abusua a wɔayi wɔn, ahene asɔfokuo, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ɔno ara ne deɛ, sɛ monka deɛ ɔfrɛɛ mo firi esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwanwa mu no ayeyie nkyerɛ.


Yei mu na Nyankopɔn mma ne ɔbonsam mma da adie. Obiara a ɔnyɛ deɛ ɛtene ne deɛ ɔnnɔ ne nua no mfiri Onyankopɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan