Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 16:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na efiepanin no kaa ne tirim sɛ: Menyɛ dɛn? Ɛfiri sɛ me wura rebɛgye me paninnie afiri me nsam. Menni ahoɔden a mede mɛtutuo, na ahwa nso yɛ me aniwuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na efiepanin no kaa ne tirim sɛ: Menyɛ dɛn? Ɛfiri sɛ me wura rebɛgye me paninnie afiri me nsam. Menni ahoɔden a mede mɛtutuo, na ahwa nso yɛ me aniwuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 “Ofi sohwɛfo no kaa wɔ ne tirim se, ‘Menyɛ dɛn ni? Nnɛ a wɔrepam me afi fie ha yi, ɛhe na mɛfa? Minni ahoɔden a mede bɛdɔw, na mefɛre nso sɛ mɛsrɛsrɛ ade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 “Efie sohwɛfoɔ no kaa wɔ ne tirim sɛ, ‘Menyɛ ɛdeɛn ni? Ɛnnɛ a wɔrepam me afiri efie ha yi, ɛhe na mɛfa? Menni ahoɔden a mede bɛdɔ, ɛnna mefɛre nso sɛ mɛsrɛsrɛ adeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na ofiepanyin no kae ne tirim sɛ: Menyɛ dɛn, efisɛ me wura rebegye me panyinni afi me nsam? Minni ahoɔden a mede betutu, na ahua nso yɛ me aniwu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 16:3
26 Iomraidhean Croise  

Na Haman baa mu. Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na wɔnyɛ onipa a ɔhene pɛ no anidie no? Na Haman see no n’akoma mu sɛ: Hwan bio mpo na ɔwɔ ka me ho a ɔhene pɛ sɛ ɔdi no ni sene me ara?


Onihafoɔ kra kɔn dɔ, na ɔnnya, na nsiyɛfoɔ kra deɛ ɔbɛdɔre sradeɛ.


Onihafoɔ kwan te sɛ nkasɛɛ ban, na teefoɔ kwan yɛ petee.


Deɛ ɔtoto n’adwuma aseɛ nso, ɔdesɛefoɔ nua ne no.


Aniha yɛ nnahɔɔ, na onipa kwadwofoɔ bɛdi kɔm.


Awɔ nti ɔkwadwofoɔ mfuntum, twaberɛ mu ɔbɛhwehwɛ biribi, nanso ɔrennya hwee.


Deɛ ɔkorɔkorɔ n’akoa firi ne mmɔfraase no, akyire yi no ɔbɛyɛ sɛ ɔba.


Na mobɛyɛ dɛn asotwe da no ne ɔsɛeɛ a ɛfiri akyirikyiri reba no mu? Hwan nkyɛn na mobɛdwane akɔgye mmoa, na ɛhe na mobɛgya mo ahodeɛ no?


Adiyifoɔ hyɛ nkɔntorɔ, na asɔfoɔ nam wɔn pɛ so di wɔn koko so asɛm; me man nso pɛ no saa, nanso n’awieeɛ no mobɛyɛ no dɛn?


Ɛdeɛn na mobɛyɛ afahyɛ da no ne AWURADE dapɔnna no?


Na ɛduruu anwummerɛ no, bobe turo no wura no ka kyerɛɛ ne hwɛsoni sɛ: Frɛ adwumayɛfoɔ no, na ma wɔn wɔn apaadeɛ firi wɔn a wɔdi akyire so kɔsi wɔn a wɔdi kan so.


Wɔduruu Yeriko. Na ɔne n’asuafoɔ no ne nkurɔfokuo bebree refiri Yeriko akorɔ no, na Timeo ba Bartimeo, onifirani no, te kwankyɛn resrɛsrɛ adeɛ.


Na ɔsusuu ne tirim sɛ: Menyɛ dɛn? Ɛfiri sɛ, menni deɛ mede me nnɔbaeɛ bɛsie.


Na ɔfrɛɛ no see no sɛ: Ɛdeɛn na mete no wo ho yi? Bɛbu wo paninnie ho nkonta, na worenni panin bio.


Na ohiani bi a watutu akuro nso tenaa ase a wɔfrɛ no Lasaro a wɔde no akɔto n’aboboano.


Na ɛbaa sɛ ohiani no wui, na abɔfoɔ bɛsoaa no kɔɔ Abraham kokom. Na ɔdefoɔ no nso wui, na wɔsiee no.


Aane, mahunu deɛ mɛyɛ, na wɔtu me firi me paninnie so a, wɔagye me akɔ wɔn afie.


Na wampene maa no kyɛree kakra. Na akyire yi ɔkaa ne tirim sɛ: Mensuro Onyankopɔn na memfɛre nnipa deɛ,


Ɛnna amannifoɔ ne wɔn a kane wɔhunuu no sɛ ɔyɛ ɔsrɛsrɛfoɔ no kaa sɛ: Ɛnyɛ oyi na na ɔte hɔ srɛsrɛ adeɛ no?


Na wɔso ɔbarima bi a ɔyɛ obubuani firi ne na yam a daa wɔde no bɛto asɔrefie pono a wɔfrɛ no Fɛfɛ no ano sɛ ɔnsrɛ wɔn a wɔrekɔ asɔrefie no hɔ mmɔborɔhunu adeɛ.


Sɔre kɔ kuro no mu, na wɔbɛka wo deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ.


Na yɛte sɛ ebinom wɔ hɔ a wɔnenam basabasa wɔ mo mu, na wɔnyɛ adwuma, na mmom wɔyɛ terɛterɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan