Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 16:25 - New Revised Asante Twi Bible

25 Na Abraham se: Ɔba, kae sɛ wote aseɛ no, wonyaa ahotɔ, na Lasaro nso deɛ, ɔhunuu amane; afei na ne werɛ akyekyerɛ, na wo nso, worehunu amaneɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

25 Na Abraham se: Ɔba, kae sɛ wote aseɛ no, wonyaa ahotɔ, na Lasaro nso deɛ, ɔhunuu amane; afei na ne werɛ akyekyerɛ, na wo nso, worehunu amaneɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 “Abraham buaa no se, ‘Me ba, kae sɛ wote wiase no wudii dɛ na Lasaro dii yaw, nanso afei na ɔredi dɛ na wo nso woredi yaw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 “Abraham buaa no sɛ, ‘Me ba, kae sɛ wote ewiase no, wodii dɛ na Lasaro dii yea, nanso afei na ɔredi dɛ ɛnna wo nso woredi yea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

25 Na Abraham se: Ɔba, kae sɛ wote ase no, wunyaa ahotɔ na Lasaro de, ohuu amane; na afei ne werɛ akyekye, na wo nso, worehu amane.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 16:25
25 Iomraidhean Croise  

Nanso ɔde nnepa hyehyɛɛ wɔn afie amaama na abɔnefoɔ agyinatuo mpare me!


AWURADE, fa wo nsa bɛgye me firi nnipa nsam, nnipa a wɔn nkwa kyɛfa yɛ wiase deɛ, fa deɛ wɔasiesie ama wɔn hyɛ wɔn yafunu ma; ma wɔn mma nya no mmorosoɔ, na wɔnnya bi mma wɔn mmotafowa.


Wɔn tirim ne sɛ wɔn adan bɛtena hɔ daa, na wɔn afie atena hɔ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so; wɔde wɔn din toto wɔn nsase.


Srade ama wɔn ani apupu, wɔn akoma mu adwene firi bu so.


Yerusalem amaneɛ ne n’ahometeɛ nna yi mu wakae n’afɛfɛdeɛ a na ɛwɔ hɔ firi tete nna mu no nyinaa; ne nkurɔfoɔ hwee ɔhohiahiafoɔ nsam na wannya ɔboafoɔ biara no, n’ahohiahiafoɔ ani gyee, na wɔseree no n’ahweaseɛ mu.


Anadwo no ara na wɔkumm Kaldeafoɔ hene Belsasar.


sɛ: Owura, yɛkae sɛ ɔdaadaafoɔ no te aseɛ no, ɔkaa sɛ: Nnansa akyiri mɛnyane.


Na sɛ wo nan to wo suntidua a, twa! Ɛyɛ ma wo sɛ wode nansini bɛkɔ nkwa mu sene sɛ wowɔ nan mmienu, na wɔde wo bɛto amanehunu kurom,


Na ohiani bi a watutu akuro nso tenaa ase a wɔfrɛ no Lasaro a wɔde no akɔto n’aboboano.


Na ɔmaa n’ani soɔ wɔ Asamando no, na ɔwɔ aninyanneɛ mu, na ɔhunuu Abraham akyirikyiri ne Lasaro sɛ ɔtwere ne kokom.


Na yei nyinaa nna nkyɛn, eku kɛseɛ da yɛne mo ntam a, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔfiri ha yi ba mo nkyɛn ntumi mma, na wɔn nso a wɔwɔ nohoa ntumi ntra mma yɛn nkyɛn.


Nanso mo a moyɛ adefoɔ deɛ, monnue! Na moanya mo awerɛkyekyerɛ dada.


Yeinom na maka mo, na moanya me mu asomdwoeɛ. Mo ho bɛhiahia mo wiase deɛ, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Madi wiase so nkonim.


hyehyɛɛ asuafoɔ no akra den, tutuu wɔn fo sɛ wɔntena gyidie mu, kaa nso sɛ ɛtwa sɛ yɛnam amanehunu pii mu kɔ Nyankopɔn ahennie mu.


Ɛfiri sɛ honam adwene yɛ nitan a ɛtane Onyankopɔn, na ɛmfa ne ho nhyɛ Nyankopɔn mmara no aseɛ, na mpo ɛntumi;


Nnome bɛka wo kɛntɛn ne wo mmɔre kodoɔ.


wɔn na wɔn awieeɛ ne ɔsɛeɛ, wɔn nyame ne yafunu, na wɔn animuonyam wɔ wɔn aniwuo mu, na asase so nnoɔma ho na wɔdwene.


na amanehunu yi anha obiara, ɛfiri sɛ mo ara monim sɛ deɛ ɛtwa sɛ yɛhunu ara ne no.


na ɔyii sɛ ɔne Nyankopɔn man bɛhunu amane mmom kyɛne sɛ ɔbɛte bɔne mu dɛ nna tiaa bie.


Monnnɔ wiase anaa nnoɔma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, Agya no dɔ no nni ne mu.


Na meka mekyerɛɛ no sɛ: Owura, wo na wonim. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yeinom ne wɔn a wɔfiri ahohia kɛseɛ no mu, na wɔahoro wɔn ntadeɛ ama no ahoa wɔ adwammaa no mogya no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan