Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 16:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na ɔsee wɔn sɛ: Moyɛ wɔn a wɔbu wɔn ho bem nnipa anim, nanso Onyankopɔn deɛ, ɔnim mo akoma mu. Na deɛ ɛyɛ kɛseɛ nnipa mu no yɛ akyiwadeɛ Nyankopɔn anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

15 Na ɔsee wɔn sɛ: Moyɛ wɔn a wɔbu wɔn ho bem nnipa anim, nanso Onyankopɔn deɛ, ɔnim mo akoma mu. Na deɛ ɛyɛ kɛseɛ nnipa mu no yɛ akyiwadeɛ Nyankopɔn anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Moyɛ nnipa a mubu mo ho atreneefo wɔ nnipa anim, nanso Onyankopɔn nim mo koma mu. Na nea ɛsom bo wɔ nnipa ani so no yɛ akyide wɔ Onyankopɔn anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Moyɛ nnipa a mobu mo ho ateneneefoɔ wɔ nnipa anim, nanso Onyankopɔn nim mo akoma mu. Na deɛ ɛsom bo wɔ nnipa ani so no yɛ akyiwadeɛ wɔ Onyankopɔn anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 Na osee wɔn sɛ: Moyɛ nnipa a wobu wɔn ho bem nnipa anim, nanso Onyankopɔn de, onim mo koma mu. Na nea ɛyɛ kɛse nnipa mu no yɛ akyide Onyankopɔn anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 16:15
40 Iomraidhean Croise  

Na menim, me Nyankopɔn, sɛ wo deɛ, wosɔ akoma hwɛ, na teeyɛ na ɛsɔ w’ani. Me deɛ, m’akomam teeyɛ mu na mayi me yam ama yeinom nyinaa, na afei wo man a wɔhu wɔn ɛha yi nso, mede anigyeɛ mahunu sɛ wɔn nso ayi wɔn yam ama wo adeɛ.


wo ara tie no ɔsoro, wo tenabea hɔ, na fa kyɛ, na ma onipa no sɛdeɛ n’akwan nyinaa teɛ, sɛdeɛ wohunu n’akoma no. Na wo ara, wo nko ara na wonim nnipa mma akoma mu,


Na ɔbɔnefoɔ hoahoa ne ho ade a ne kra kɔn dɔ ho, na omimfoɔ ka abususɛm yi AWURADE ahi.


Ɔkwan a nkwasea fa soɔ nie, na wɔn a wɔpɛ wɔn anomu asɛm no di wɔn akyi.


Sɛ ɔhyira ne kra ne nkwa berɛ mu, nso wɔyi wo ayɛ sɛ woyɛ wo ho yie a,


Ao, ma abɔnefoɔ bɔne to ntwa ɛ! Na ma ɔteneneeni ntim. Na wone tenenee Nyankopɔn a wosɔ akoma ne adwene hwɛ.


Obiara a ɔyɛ akoma mu dwɛɛ yɛ AWURADE akyiwadeɛ, ampa ara, ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ.


Nnipa bebree ka wɔn ara adɔeɛyɛ, na ɔbarima nokwafoɔ deɛ, hwan na ɔbɛhu no?


Onipa kwan biara tene n’ani so, nanso akoma karifoɔ ne AWURADE.


Me, AWURADE, na mehwehwɛ adwene mu, na mesɔ akoma mehwɛ, na mɛma obiara sɛdeɛ n’akwan teɛ, sɛdeɛ ne nneyɛɛ aba no teɛ.


Na afei yɛn deɛ, yɛbu ahantanfoɔ ahotɔfoɔ; wɔn a wɔdi abɔnefosɛm no, wɔn ase atim, nso wɔsɔ Onyankopɔn hwɛ, na wɔfiri mu fi nso.


Na wɔyɛ wɔn nnwuma nyinaa sɛdeɛ nnipa bɛhu wɔn. Na wɔyɛ wɔn nkaeɛ nwoma atɛtrɛtɛ, na wɔyɛ wɔn ntadeɛ ano nnwo akɛseɛ.


Na sɛ moredi mmuada a, monnyɛ mo anim bosaa sɛ nyaatwomfoɔ no, na wɔnyinyane wɔn anim sɛdeɛ nnipa bɛhunu sɛ wɔredi mmuada. Nokorɛ mese mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dada.


Enti woreyɛ adɔeɛ a, nhyɛn totorobɛnto nni w’anim, sɛdeɛ nyaatwomfoɔ no yɛ no hyia adan mu ne aborɔno soɔ, sɛdeɛ wɔbɛnya nnipa anim animuonyam. Nokorɛ mese mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dada.


Na sɛ morebɔ mpaeɛ a, monnyɛ sɛ nyaatwomfoɔ no; na wɔpɛ sɛ wɔgyina hyia adan mu, ne mmɔntene ntweaso bɔ mpaeɛ, na nnipa ahu wɔn. Nokorɛ mese mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dada.


Na ɔno deɛ, ɔpɛɛ sɛ ɔbu ne ho bem, nti ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: Na hwan ne me yɔnko?


Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Afei mo Farisifoɔ deɛ, mohohoro kuruwa ne ayowa ho; na mo mu deɛ, amim ne nnebɔne ahyɛ mu ma.


Farisini no gyinae, na ɔbɔɔ mpaeɛ ne tirim sɛ: Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛdeɛ nnipa a aka no teɛ: Amimfoɔ, nkontompofoɔ, ayerefafoɔ anaa ɔtogyeni yi mpo.


Mese mo sɛ: Oyi de bem sane kɔɔ ne fie mmom sene ɔbaako no; na obiara a ɔma ne ho soɔ no, wɔbɛbrɛ no ase, na deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ no, wɔbɛma no so.


Na ɔkaa sɛ: Yeinom nyinaa, mefiri me mmɔfraase na medii soɔ.


Na ɔbuu binom a wɔde wɔn ho too wɔn ho soɔ sɛ wɔtene na wɔmmu wɔn a aka no bɛ yi sɛ:


Na wɔtɛɛ no, na wɔsomaa nsrafoɔ bi a wɔpatu yɛɛ wɔn anim sɛdeɛ wɔyɛ nnipa tenenee, sɛ wɔnkɔpɛ no asɛm, na wɔayi no ahyɛ amrado mmara ne ne tumi nsa.


wɔn na wɔbɔ akunafoɔ apoo, nanso wɔboapa bɔ mpaeɛ atentene kyerɛ. Yeinom na wɔbɛnya afobuo a ɛso.


na ɛnhia no sɛ obi di onipa ho adanseɛ; ɛfiri sɛ ɔno ara nim deɛ ɛwɔ onipa mu.


Ɔsee no ne mprɛnsa so sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me? Ɛyɛɛ Petro awerɛho sɛ wabisa no mprɛnsa sɛ: Wodɔ me? Na ɔbuaa no sɛ: Awurade, wonim ade nyinaa, wonim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Yɛne me nnwan!


(Saa Yuda yi na ɔde n’amumuyɛ akatua nyaa asase, na ne nkɔnkɔ bɛwɔɔ hɔ no, ne mu paee, na ne yam adeɛ nyinaa tu gui;


Na wɔbɔɔ mpaeɛ sɛ: Wo, Awurade a wonim nnipa nyinaa akoma mu, kyerɛ baanu yi mu baako a woayi no


Na Onyankopɔn a ɔnim akoma mu no dii wɔn adanseɛ maa wɔn Honhom Kronkron sɛdeɛ ɔmaa yɛn nso no;


Ɛfiri sɛ wɔremfiri mmara nnwuma mu mmu honam biara bem n’anim; na mmara so na wɔnam hunu bɔne yie.


Na deɛ ɔpɛɛpɛɛ akoma mu no nim adekodeɛ a ɛyɛ Honhom no adwene, ɛfiri sɛ ɔdi ma ahotefoɔ no sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ.


Enti mommpere ho mmmu biribiara ho atɛn kɔsi sɛ ɛberɛ no bɛduru ansa na Awurade bɛba; ɔno na ɔde deɛ ahunta sum mu bɛba hann mu, na wayi akoma mu agyina adi; ɛno ansa na Onyankopɔn de obiara ayeyie bɛma no.


na mmom momma no nyɛ akoma mu nipa a wahunta no, honhom a ɛdwoɔ, na ɛyɛ komm adeɛ a ɛmporɔ mu. Ɛno na ne boɔ yɛ den Nyankopɔn anim.


Saa ara na mo mmabunu nso, momfa mo ho nhyɛ mpanimfoɔ aseɛ. Na mo nyinaa momfira ahobrɛaseɛ, na monsom mo ho mo ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan, na ɔdom ahobrɛasefoɔ.


Na mede owuo bɛkum ne mma, na asafo no nyinaa ahunu sɛ, mene deɛ ɔhwehwɛ adwene ne akoma mu, na mɛma mo mu biara sɛdeɛ mo nnwuma teɛ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Nhwɛ ne ho tebea ne ne nipadua tenteneyɛ, na mempɛ no; na menhwɛ deɛ onipa hwɛ, na onipa hwɛ deɛ ɛtua aniwa, na AWURADE deɛ, ɔhwɛ akoma mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan