Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 16:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no nso sɛ: Ɔdefoɔ bi wɔ hɔ a ɔwɔ efiepanin bi, na wɔkɔbɔɔ no kwaadu sɛ ɔsɛe n’adeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no nso sɛ: Ɔdefoɔ bi wɔ hɔ a ɔwɔ efiepanin bi, na wɔkɔbɔɔ no kwaadu sɛ ɔsɛe n’adeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Ɔdefo bi wɔ hɔ a na ɔwɔ ofi sohwɛfo bi. Ɔdefo yi tetee sɛ ne fi sohwɛfo no resɛe ne nneɛma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Ɔdefoɔ bi wɔ hɔ a na ɔwɔ efie sohwɛfoɔ bi. Ɔdefoɔ yi tetee sɛ ne efie sohwɛfoɔ no resɛe ne nneɛma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔka kyerɛɛ asuafo no nso sɛ: Ɔdefo bi wɔ hɔ a ɔwɔ ofiepanyin bi, na wɔbɔɔ no amanneɛ sɛ ɔresɛe n’ade.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 16:1
19 Iomraidhean Croise  

Na Abram bisaa sɛ: AWURADE Nyankopɔn, ɛdeɛn na wode bɛma me? Menni ba na menam, na deɛ ɔbɛdi m’adeɛ ne Damaskoni Eliesa anaa?


Na wɔtwe pinii Yosef fie panin no ne no kasae wɔ efie no pono ano


Na Dawid hyiahyiaa Israel mmapɔmma nyinaa, mmusuakuo so mmapɔmma ne akuo so asafohene a wɔsom ɔhene no, ne mpem mpem so asafohene, ne ɔha ha so asafohene, ne ɔhene ne ne mma ahodeɛ ne mmoa nyinaa so asafohene, wɔne mpiadifoɔ, ne nnɔmmarima no, ne mmarima a wɔawedare wɔ ɔko mu nyinaa baa Yerusalem.


Deɛ ɔtoto n’adwuma aseɛ nso, ɔdesɛefoɔ nua ne no.


Na ɔno deɛ, na ɔnnim sɛ me na memaa no ayuo ne nsa ne ngo, na memaa ne dwetɛ dɔreeɛ, ne ne sika a wɔhwere maa Baal no.


Na ɛduruu anwummerɛ no, bobe turo no wura no ka kyerɛɛ ne hwɛsoni sɛ: Frɛ adwumayɛfoɔ no, na ma wɔn wɔn apaadeɛ firi wɔn a wɔdi akyire so kɔsi wɔn a wɔdi kan so.


Na Awurade se: Hwan ne efiepanin nokwafoɔ ne ɔbadwemma a ne wura de no bɛdi ne fiefoɔ so, sɛ ɔmma wɔn wɔn aduane berɛ a ɛsɛ mu?


Na anni da bi na ɔba kumaa no boaboaa ne nyinaa ano, na ɔtuu kwan kɔɔ akyirikyiri asase bi soɔ; ɛhɔ na ɔkɔbɔɔ ahohwie sɛee n’ahodeɛ nyinaa.


Na wo ba yi a ɔne nnwamamfoɔ adi w’ahodeɛ no baeɛ ara pɛ deɛ, woakum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no ama no.


Na ɔdefoɔ bi tenaa ase a na ɔhyɛ atadeɛ pa a ne boɔ yɛ den, na ɔde asetena fɛfɛ gyee n’ani daa.


Na ɔfrɛɛ no see no sɛ: Ɛdeɛn na mete no wo ho yi? Bɛbu wo paninnie ho nkonta, na worenni panin bio.


Na ɔfoforɔ no ba bɛkaa sɛ: Owura, hwɛ, wo bɛnnaa a mede mehyɛɛ duku mu no nie.


ne Yohana, Herode fiepanin Kusa yere, ne Susana ne afoforɔ bebree a wɔde wɔn ahodeɛ bi somm no.


Na deɛ ɛsɛ ɔhwɛfoɔ ne sɛ: Wɔnni ne ho asɛm bi ka, sɛ Nyankopɔn fiehwɛfoɔ. Ɔnyɛ ɔhopɛfoɔ, abufufafoɔ, ɔsadweam, pupopupo, anaa odufudepɛfoɔ,


Mobisa na monnya, ɛfiri sɛ mobisa no bɔne, sɛdeɛ ɛbɛma moahwere no mo anigyedeɛ mu.


Sɛdeɛ mo nyinaa nyinyaa adom akyɛdeɛ no, momfa nsom mo ho mo ho sɛ Nyankopɔn adom ahodoɔ no ho fieahwɛfoɔ pa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan