Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 15:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Mo mu nipa bɛn na sɛ ɔwɔ nnwanten ɔha na wɔn mu baako kɔyera a, ɔrennya aduɔkron nkron no ɛserɛ soɔ, na ɔnni deɛ wayera no akyi nkɔsi sɛ ɔbɛhu no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Mo mu nipa bɛn na sɛ ɔwɔ nnwanten ɔha na wɔn mu baako kɔyera a, ɔrennya aduɔkron nkron no ɛserɛ soɔ, na ɔnni deɛ wayera no akyi nkɔsi sɛ ɔbɛhu no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 “Mo mu hena na sɛ ɔwɔ nguan ɔha na wɔn mu baako yera a, ɔrennyaw aduɔkron akron no hɔ nkokyinkyin sare so nhwehwɛ nea wayera no kosi sɛ obehu no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 “Mo mu hwan na sɛ ɔwɔ nnwan ɔha na wɔn mu baako yera a, ɔrennya aduɔkron nkron no hɔ nkɔkyinkyini ɛserɛ so nhwehwɛ deɛ wayera no kɔsi sɛ ɔbɛhunu no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Mo mu nipa bɛn na sɛ ɔwɔ nguanten ɔha na wɔn mu biako kɔyera a, ɔrennyaw aduɔkron akron no sare so, na onni nea wayera no akyi nkosi sɛ obehu no?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 15:4
19 Iomraidhean Croise  

Mafom kwan sɛ odwan a wayera, hwehwɛ w’akoa, na me werɛ mfiri wo mmara nsɛm.


Yɛn nyinaa wowɔɔ ntwɛtwɛdɛ sɛ nnwan, yɛdanedanee fefaa yɛn akwan so, na AWURADE maa yɛn nyinaa amumuyɛ kɔhwee ne so.


mmepɔ so nkuro, Sefela nkuro ne Negeb nkuro mu ne Benyamin asase so ne Yerusalem ho ne Yuda nkuro mu na nnwan bɛfa ɔkanfoɔ nsa ase atwam bio, AWURADE na ɔseɛ.


Me man adane nnwan a wɔayera, wɔn ahwɛfoɔ ama wɔafomfom kwan adanedane kɔ mmepɔ so; wɔafiri bepɔ so kɔ kokoɔ so, wɔn werɛ afiri wɔn daberɛ.


Deɛ wayera no, mɛhwehwɛ no, na deɛ wɔapam no no, mɛkɔ akɔfa no aba, na deɛ wabubuo no, mɛkyekyere no, na deɛ ɔyareɛ no, mɛhyɛ no den; na deɛ wadɔre sradeɛ ne deɛ ne ho yɛ den no, mɛhwɛ no so; mɛhwɛ wɔn tenenee mu.


Na mone me nnwan, me yɛmmea nnwan, moyɛ nnipa, mene mo Nyankopɔn, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Wɔn a wɔahodwo no, monhyɛ wɔn den, na ayarefoɔ nso, monsa wɔn yadeɛ; deɛ wabubuo no, monkyekyere no, deɛ wɔapam no no, monkɔfa no mma, na deɛ wayera no, monhwehwɛ no, na mmom ɔhyɛ ne atirimuɔden na mode di wɔn soɔ.


Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, ɛsiane sɛ me nnwan adane fomfa adeɛ, na me nnwan adane wiram mmoa nyinaa aduane, ɛnam sɛ wɔnni hwɛfoɔ nti, na me nnwanhwɛfoɔ mmisaa me nnwan akyiri kwan, na mmom nnwanhwɛfoɔ no yɛne wɔn ho, na me nnwan no deɛ, wɔanhwɛ wɔn nti,


Na ɔsee wɔn sɛ: Mo mu hwan na sɛ ɔwɔ odwan baako na ɔkɔtɔ amena mu homeda a, ɔrensɔ ne mu mma no soɔ?


Na Awurade buaa no sɛ: Nyaatwomfoɔ! Mo mu biara nsane ne nantwie anaa n’afunumu mfiri n’adididaka ho mma no nkɔnom nsuo homeda?


Enti ɔbuu wɔn bɛ yi sɛ:


Na Onipa Ba no baa sɛ ɔrebɛhwehwɛ na wabɛgye deɛ ayera.


Enti wo onipa biara a wobu atɛn no, anoyie biara nni hɔ mma wo; ɛfiri sɛ deɛ wobu obi atɛn wɔ mu no, wobu wo ara wo ho fɔ, ɛfiri sɛ wo a wobu atɛn no woyɛ saa adeɛ no ara.


Na anka mote sɛ nnwan a wɔayera, na afei moasane aba mo kra Hwɛfoɔ ne Wɛmfoɔ no nkyɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan