Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 15:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Ɛnna agya no ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Momfa atadeɛ a ɛyɛ no mmra mmɛhyɛ no, na momfa pɛtea nhyɛ ne nsa ne mpaboa nhyɛ ne nan;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

22 Ɛnna agya no ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Momfa atadeɛ a ɛyɛ no mmra mmɛhyɛ no, na momfa pɛtea nhyɛ ne nsa ne mpaboa nhyɛ ne nan;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 “Nʼano ansi koraa na nʼagya no frɛɛ nʼasomfo ka kyerɛɛ wɔn se, ‘Monka mo ho nkɔfa ntama pa mmefura no na monhyɛ no pɛtea ne mpaboa a ɛyɛ fɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 “Nʼano ansi koraa na nʼagya no frɛɛ nʼasomfoɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Monka mo ho nkɔfa ntoma pa mmɛfira no na monhyɛ no pɛtea ne mpaboa a ɛyɛ fɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

22 Ɛnna agya no ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Momfa atade a eye no mmra mmɛhyɛ no, na momfa pɛtea nhyɛ ne nsa ne mpaboa nhyɛ ne nan;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 15:22
30 Iomraidhean Croise  

Na Farao yii nsɔanokaa firii ne nsa de hyɛɛ Yosef nsa, na ɔhyɛɛ no nwera pa atadeɛ, na ɔde sika atweaban too ne kɔn mu.


Ɛnna ɔhene no yii ne pɛtea firii ne nsa de maa Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba, Yudafoɔ tamfo no.


Na ɔhene no yii ne pɛtea a ɔgyee no Haman nsam no de maa Mordekai. Na Ester de Mordekai sii Haman fie so.


Na mede nkwagyeɛ bɛhyɛ n’asɔfoɔ, na n’ahotefoɔ bɛto ahurisie dwom.


Ma w’asɔfoɔ nhyɛ tenenee, na ma w’ahotefoɔ nni ahurisie.


Ɔyɛ me nan sɛ aforotebereɛ deɛ, na ɔde me gyina me sorɔnsorɔmmea so.


Ɔhene babaa wɔ animuonyam kɛseɛm ɔdan mu, wɔde sikatam abu n’aduradeɛ.


Sɛdeɛ wo mpaboa mu anammɔntutuo si yɛ fɛ, O ɔdehyeɛ babaa, w’asene ne w’ataaso te sɛ adwinneɛ a odwumfoɔ nsa ayɛ.


AWURADE mu na me ho sɛpɛ me, na me Nyankopɔn mu na me kra di ahurisie, ɛfiri sɛ ɔde nkwagyeɛ atadeɛ ahyɛ me, ɔde tenenee batakari asi me, sɛ ayeforɔkunu a ɔkeka ne ho bɔ n’abotire, ne ayeforɔ a ɔde ne nnwinneɛ hyehyɛ ne ho.


Na ɔba no ka kyerɛɛ no sɛ: Agya, mayɛ ɔsoro ne w’anim bɔne, na memfata sɛ wɔfrɛ me wo ba bio.


na momfa nantwie ba a wadɔre sradeɛ no mmra mmɛkum no, na yɛnni, na yɛn ani nnye,


na mmom monhyɛ Awurade Yesu Kristo sɛ atadeɛ, na mommma kwan mma ɔhonam akɔnnɔ nni mo so!


Na ɛyɛ Nyankopɔn tenenee a ɛnam Yesu Kristo ho gyidie soɔ hyɛne wɔn a wɔgye die nyinaa mu no na ɛba wɔn nyinaa soɔ. Na nsonsonoeɛ biara nni mu,


Na moannya akoayɛ honhom a mode bɛsuro bio, na mmom moanya abayɛ honhom a ɛno mu na yɛtea mu sɛ: Abba, Agya!


Ɛfiri sɛ, mo mu dodoɔ a wɔabɔ mo asu kɔ Kristo mu no, moahyɛ Kristo.


na momfa asomdwoeɛ asɛmpa no ho ahodasoɔ nhyehyɛ mo nan,


Dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ nyɛ w’adaban, sɛ wo nna teɛ no, saa na w’ahoɔden nyɛ.


Na wɔde nwera pa a ɛhoa fitaa, a ɛho teɛ maa no sɛ ɔmfira. Na nwera pa no ne ahotefoɔ tenenee.


Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no: Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma no mana a ahunta no bi adi, na mɛma no ɔboɔ fitaa, na ɔboɔ no so na wɔatwerɛ din foforɔ bi a obiara nnim, sɛ deɛ ɔnya no nko.


Metu wo fo sɛ, tɔ me nkyɛn sika a wɔabere ho ogya mu, na woanya ahonya ne atadeɛ fitaa, na woahyɛ, na w’adagya ahohora anna adi, ne aniduro a wode bɛsra w’ani, na woahunu adeɛ.


Na wɔmaa wɔn mu biara atadeɛ fitaa, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnhome berɛ tiaa bi bio, nkɔsi sɛ wɔn nwurakwaa ne wɔn nuanom a wɔbɛkum wɔn te sɛ wɔn no nso dodoɔ bɛso ano.


Yeinom akyiri no mehunui, na hwɛ, nnipakuo kɛseɛ a obi ntumi nkane wɔn, a wɔfiri aman, ne mmusuakuo, ne nkurɔfoɔ ne kasa nyinaa mu no gyinagyina ahennwa no ne adwammaa no anim hyehyɛ ntade fitaa, na wɔkurakura berɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan