Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 15:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Na ɔba no ka kyerɛɛ no sɛ: Agya, mayɛ ɔsoro ne w’anim bɔne, na memfata sɛ wɔfrɛ me wo ba bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 Na ɔba no ka kyerɛɛ no sɛ: Agya, mayɛ ɔsoro ne w’anim bɔne, na memfata sɛ wɔfrɛ me wo ba bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 “Aberante yi ka kyerɛɛ nʼagya no se, ‘Agya, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne, na memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 “Aberanteɛ yi ka kyerɛɛ nʼagya no sɛ, ‘Agya, mayɛ ɔsoro ne wo bɔne, na memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Na ɔba no ka kyerɛɛ no sɛ: Agya, mayɛ ɔsoro ne w’anim bɔne, na memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 15:21
10 Iomraidhean Croise  

na ɔto dwom kyerɛ nnipa sɛ: Mayɛ bɔne, na makyea deɛ ɛtene no, nanso ɔne me anni no sɛdeɛ ɛfata me.


Na mfa w’akoa nkɔ atemmuo mu, na w’anim ɔteasefoɔ biara renni bem.


Wo nko ara na mafom woɔ, na mayɛ deɛ ɛyɛ w’ani so bɔne, na woadi bem wo kasa mu, na wo ho ate, w’atemmuo mu.


Hunu w’amumuyɛ no nko, sɛ AWURADE wo Nyankopɔn na woafom no, na woakyini aduru ananafoɔ nkyɛn, dua biara a ɛyɛ frɔmm ase, na me nne deɛ, moantie, AWURADE asɛm nie.


deɛ ɛbɛyɛ na woakaeɛ, na w’ani awuo, na w’aniwuo nti woammue w’ano bio, sɛ makata deɛ woyɛeɛ no nyinaa so mama woɔ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Na ɔsɔre baa n’agya nkyɛn. Na ɔda so wɔ akyirikyiri no, n’agya hunuu no, na ne yam hyehyee no, na ɔtutuu mmirika kɔyɛɛ no atuu, na ɔfee n’ano.


Ɛnna agya no ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Momfa atadeɛ a ɛyɛ no mmra mmɛhyɛ no, na momfa pɛtea nhyɛ ne nsa ne mpaboa nhyɛ ne nan;


Anaasɛ wote n’ayamyɛ ne ne boasetɔ ne n’abodwokyɛre mapa no ho atua a, wonim sɛ Nyankopɔn ayamyɛ de wo rekɔ adwensakyera mu?


Na sɛ moyɛ anuanom bɔne saa pira wɔn ahonim a ɛyɛ mmerɛ no a, na moreyɛ Kristo bɔne.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan