Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 15:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na Farisifoɔ ne Atwerɛfoɔ no nwiinwii kaa sɛ: Oyi gye nnebɔneyɛfoɔ, na ɔne wɔn didi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na Farisifoɔ ne Atwerɛfoɔ no nwiinwii kaa sɛ: Oyi gye nnebɔneyɛfoɔ, na ɔne wɔn didi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Farisifo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no huu eyi no, wonwiinwii kae se, “Saa ɔbarima yi gye nnebɔneyɛfo, san ne wɔn to nsa didi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no hunuu yei no, wɔnwiinwii kaa sɛ, “Saa ɔbarima yi gye nnebɔneyɛfoɔ sane ne wɔn to nsa didi.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na Farisifo ne akyerɛwfo no nwiinwii kae sɛ: Oyi gye nnebɔneyɛfo, na ɔne wɔn didi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 15:2
12 Iomraidhean Croise  

Onipa ba no baeɛ, ɔdidi na ɔnom, na wɔse: Hwɛ, odidifoɔ ne ɔsanomfoɔ, togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo. Nanso, nyansa nam ne nnwuma so di bem.


Na Farisifoɔ no hunuiɛ no, wɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: Adɛn nti na mo kyerɛkyerɛfoɔ ne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ didie yi?


Enti ɔbuu wɔn bɛ yi sɛ:


Na nkurɔfokuo no hunuiɛ no, wɔn nyinaa nwiinwii kaa sɛ: Ɔrekɔ akɔsoɛ ɔbarima a ɔyɛ debɔneyɛni.


Na Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ nwiinwii kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: Adɛn nti na mo ne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ didi na monom yi?


Onipa ba no aba, ɔdidi na ɔnom, na mose: Hwɛ, onipa didifoɔ ne ɔsanomfoɔ, togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo.


Na Farisini a ɔhyiaa no adidie no hunuiɛ no, ɔkaa ne tirim sɛ: Onipa yi, sɛ ɔyɛ odiyifoɔ a, anka ɔbɛhunu onii ne ɔbaa ko a ɔde ne nsa ka no yi sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛni.


sɛ: Adɛn nti na woakɔ nnipa a wɔnyɛ twetiatwafoɔ mu, na wo ne wɔn akɔdidie yi?


Ɛnne sɛ, na nnipa bi a wɔfiri Yakobo nkyɛn no nnya mmaeɛ no, na ɔne amanaman mufoɔ didi; na wɔbaeɛ no, ɔtwee ne ho tee ne ho firii wɔn ho, ɛfiri sɛ na ɔsuro wɔn a wɔfiri twetiatwafoɔ mu no.


Ɛyɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wɔgye koraa, sɛ Kristo Yesu baa wiase bɛgyee nnebɔneyɛfoɔ a me na medi wɔn mu kan.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan