Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 15:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na anni da bi na ɔba kumaa no boaboaa ne nyinaa ano, na ɔtuu kwan kɔɔ akyirikyiri asase bi soɔ; ɛhɔ na ɔkɔbɔɔ ahohwie sɛee n’ahodeɛ nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Na anni da bi na ɔba kumaa no boaboaa ne nyinaa ano, na ɔtuu kwan kɔɔ akyirikyiri asase bi soɔ; ɛhɔ na ɔkɔbɔɔ ahohwie sɛee n’ahodeɛ nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 “Nna tiaa bi akyi no, ne ba kumaa yi boaboaa nʼahode nyinaa ano tuu kwan kɔɔ akyirikyiri asase bi so kɔbɔɔ ahohwi bra hweree nʼahode nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 “Nna tiawa bi akyi no, ne ba kumaa yi boaboaa nʼahodeɛ nyinaa ano tuu ɛkwan kɔɔ akyirikyiri asase bi so kɔbɔɔ ahohwi bra, hweree nʼahodeɛ nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Na anni da bi na ɔba akumaa no boaboaa ne nyinaa ano, na otuu kwan kɔɔ akyirikyiri asase bi so; ɛhɔ na ɔkɔbɔɔ ahohwi bra sɛee n’ahode nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 15:13
35 Iomraidhean Croise  

Na hwɛ, wɔn a wɔfiri wo nkyɛn kɔ akyiri no bɛyera, wobɛsɛe wɔn a wɔfiri wo nkyɛn kɔbɔ adwaman nyinaa.


Deɛ ɔtoto n’adwuma aseɛ nso, ɔdesɛefoɔ nua ne no.


Deɛ ɔdɔ anigyeɛ bɛdi hia, deɛ ɔdɔ nsa ne ngo rennya adeɛ.


Ademudeɛ a ɛsom boɔ ne ngo wɔ onyansafoɔ tenabea, na ɔkwasea deɛ, ɔsɛe no.


Sɛdeɛ anomaa a ɔfiri ne pirebuo mu kyini teɛ no, saa na onipa a ɔfiri ne tenaberɛ kɔkyini teɛ ne no.


Deɛ ɔbu mmara no yɛ ɔba nyansafoɔ, na deɛ ɔne ahohwifoɔ bɔ no hyɛ n’agya aniwuo.


Onipa a ɔdɔ nyansa ma n’agya ani gye, na deɛ ɔne nnwamamfoɔ bɔ bɛsɛe n’adeɛ.


Na ɛsiane ɔbaa dwamamfoɔ nti, wɔgyee ɔbarima paanoosini, na obi yere deɛ, wɔgyee no ne nkwa a ne boɔ yɛ den no.


Ao, ɔman nnebɔneyɛfoɔ, ɔman a wɔn asodie yɛ duro, amumuyɛfoɔ asefoɔ, mma a wɔaporɔ! Wɔagya AWURADE, wɔabu Israel Kronkronni no animtia, wɔasane wɔn akyi.


Na hwɛ, ahosɛpɛ ne anigyeɛ, anantwie menetwa ne nnwan kum, ɛnamdie ne nsanom nie: “Momma yɛnnidi na yɛnnom na ɔkyena na yɛawu.”


Mommane mfiri kwan no so, monkwae mfiri ɔtempɔn no so, momma Israel Kronkronni no nyera yɛn ani so.


Wɔka sɛ: Mommra, momma yɛnkɔ nkɔfa nsa, na yɛnwe nsaden, na ɔkyena bɛyɛ sɛ nnɛ, ɛbɛso aboro so pii.


Na bɔne mmienu na me man ayɛ: Wɔagya me a meyɛ nkwa asutire no, sɛ wɔrekɔbɔre mmura a apaepae a ɛntumi nkura nsuo.


Mo, nnɛɛmma, montie AWURADE asɛm. Madane ɛserɛ so ama Israel, anaasɛ asase a aduru sum kabii? Ɛdeɛn nti na me man ka sɛ: Yɛafa yɛn ho adi, yɛremma wo nkyɛn bio?


Sɛ AWURADE seɛ nie: Bɔne bɛn na mo agyanom hunuu no me ho a enti wɔfirii me ho kɔɔ akyirikyiri na wɔkɔdii ahuhudeɛ akyi na wɔadanedane hunu yi?


Me man, ɛdeɛn na mayɛ woɔ, na ɛdeɛn na mede ahyɛ wo brɛ? Bua me ɛ!


Na wɔn mu akumaa no ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Agya, fa ahodeɛ a ɛbɛyɛ me dea no ma me! Na ɔkyɛɛ n’asetenadeɛ mu maa wɔn.


Na ɔhweree ne nyinaa wieeɛ no, ɛkɔm kɛseɛ bi baa asase no so, na ɛfirii aseɛ hiaa no.


Na wo ba yi a ɔne nnwamamfoɔ adi w’ahodeɛ no baeɛ ara pɛ deɛ, woakum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no ama no.


Na ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no nso sɛ: Ɔdefoɔ bi wɔ hɔ a ɔwɔ efiepanin bi, na wɔkɔbɔɔ no kwaadu sɛ ɔsɛe n’adeɛ.


Na ɔdefoɔ bi tenaa ase a na ɔhyɛ atadeɛ pa a ne boɔ yɛ den, na ɔde asetena fɛfɛ gyee n’ani daa.


Na afei deɛ, Kristo Yesu mu, mo a anka mowɔ akyirikyiri no, monam Kristo mogya mu abɛn.


Na ɔba bɛkaa asomdwoeɛ ho asɛmpa kyerɛɛ mo a mowɔ akyiri ne wɔn a wɔbɛn,


na wɔbɛnya deɛ ɛntene so akatua. Deɛ wɔbu no anigyeɛ ne daa ahohwie asetena, wɔyɛ nkekaeɛ ne dɛm, wɔde wɔn apempensie bɔ ahohwie, nanso na wɔne mo redidi,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan