Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 15:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Saa ara na mese mo sɛ: Anigyeɛ ba Nyankopɔn abɔfoɔ anim ɔdebɔneyɛni baako a ɔsakyera n’adwene ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Saa ara na mese mo sɛ: Anigyeɛ ba Nyankopɔn abɔfoɔ anim ɔdebɔneyɛni baako a ɔsakyera n’adwene ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Saa ara nso na sɛ ɔdebɔneyɛni baako sakra nʼadwene a, Onyankopɔn abɔfo ani gye ara ne no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Saa ara nso na sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ baako nu ne ho a, Onyankopɔn abɔfoɔ ani gye ara ne no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Saa ara na mise mo sɛ: Anigye ba Onyankopɔn abɔfo anim ɔdebɔneyɛfo biako a ɔsakra n’adwene ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 15:10
23 Iomraidhean Croise  

Pɛ na mepɛ ɔbɔnefoɔ wuo anaa? AWURADE Nyankopɔn asɛm nie; ɛnyɛ sɛ ɔsane firi ne kwan soɔ na ɔnya nkwa na mepɛ anaa?


Na menni deɛ ɔrewuo no wuo ho anigyeɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Enti monsane, na mommɛnya nkwa.


Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, ɔbɔnefoɔ wuo nyɛ me fɛ, na mmom sɛ ɔbɔnefoɔ bɛsane afiri ne kwan soɔ na wanya nkwa! Monsane, monsane mfiri mo akwammɔne so! Adɛn nti na morewuwuo yi, Israel fie?


Enti obiara a ɔbɛbɔ me din nnipa anim no, me nso mɛbɔ ne din m’agya a ɔwɔ soro no anim;


Monhwɛ na moantiatia nkumaa yi mu baako anim, na mese mo sɛ ɔsoro hɔ, wɔn abɔfoɔ hwɛ m’agya a ɔwɔ soro no anim daa.


Saa ara na ɛnyɛ adeɛ a Agya a ɔwɔ soro no pɛ, sɛ nkumaa yi mu baako bɛyera.


Nso mese mo sɛ: Obiara a ɔbɛbɔ me din nnipa anim no, Onipa Ba no nso bɛbɔ ne din Nyankopɔn abɔfoɔ anim.


Na deɛ ɔbɛpa me nnipa anim no, wɔbɛpa no Nyankopɔn abɔfoɔ anim.


Mese mo sɛ: Ɛnte saa, na mmom sɛ moansakyera mo adwene a, mo nyinaa bɛyera saa ara.


Na ɔse: Onipa bi wɔ mmammarima baanu.


Mese mo sɛ: Saa ara na anigyeɛ bɛba soro, ɔdebɔneyɛni baako a ɔsakyera n’adwene ho, sene nnipa tenenee aduɔkron nkron a ɛnhia wɔn adwensakyera.


Na ɔhunu a, ɔfrɛfrɛ ne nnamfo ne n’afipamfoɔ boa ano, na ɔka sɛ: Mo ne me ani nnye, ɛfiri sɛ mahunu me dwetɛbena a ɛyeraeɛ no.


Na yei nti mese wo sɛ, wɔde ne bɔne a ɛdɔɔso no akyɛ, ɛfiri sɛ ɔdɔ pii. Na deɛ wɔde kakraa bi kyɛ no no, ɔdɔ kakraa bi.


Na wɔtee nsɛm yi no, wɔmuaa wɔn ano, na wɔyii Onyankopɔn ayɛ sɛ: Ɛnneɛ na Onyankopɔn ama amanaman mufoɔ no nso adwensakyera a ɛde kɔ nkwa mu.


Na Awurade bɔfoɔ bɛhinii afiase no apono anadwo, na ɔde wɔn firi adi kaa sɛ:


Na Nyankopɔn kwan so awerɛhoɔ yɛ adwensakyera a ɛde kɔ nkwagyeɛ mu, a wɔnnu wɔn ho wɔ ho; na ewiase awerɛhoɔ deɛ, ɛma owuo.


Na ebia yei nti na ɔne wo tetee mu kakra, sɛ wobɛnya no daa,


Wɔn nyinaa nyɛ ahonhom asomfoɔ a, wɔn a, wɔbɛyɛ nkwagyeɛ no adedifoɔ no nti, wɔsoma wɔn sɛ wɔnkɔsom no anaa?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan