Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 14:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Na owura no ka kyerɛɛ akoa no sɛ: Firi adi kɔ akwan so ne ban ho, na kɔhyɛ wɔn na wɔmmra, na me fie ha nyɛ ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

23 Na owura no ka kyerɛɛ akoa no sɛ: Firi adi kɔ akwan so ne ban ho, na kɔhyɛ wɔn na wɔmmra, na me fie ha nyɛ ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 “Ɛno nti owura no san somaa no se, ‘Kɔ akwan so ne mfikyiri na frɛ obiara a wubehu no no se, mato pon, enti wɔmmra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 “Ɛno enti, owura no sane somaa no sɛ, ‘Kɔ akwan so ne mfikyire na frɛ obiara a wobɛhunu no no sɛ, mato ɛpono, enti wɔmmra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

23 Na owura no ka kyerɛɛ akoa no sɛ: Fi adi kɔ akwan so ne ban ho, na kɔhyɛ wɔn na wɔmmra, na me fi ha nyɛ ma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 14:23
37 Iomraidhean Croise  

Wo man bɛyi wɔn yam koraa aba wo koda no, aduradeɛ kronkron mu, wo mmeranteɛ asafo ba ma wo sɛ obosuo firi adekyeeɛ yam.


Wakae n’adɔeɛ ne ne nokorɛ ama Israel fie, asase ano nyinaa ahunu yɛn Nyankopɔn nkwagyeɛ.


Na da no, Yisai nhini mu duforɔ a ɛsi hɔ sɛ frankaa ma aman no, n’akyiri kwan na amanaman bɛhwehwɛ, na ne homebea bɛyɛ animuonyam.


Na da no, wɔbɛhyɛn totorobɛnto kɛseɛ, na wɔn a wɔyeraa Asiria asase soɔ, ne wɔn a wɔsumm wɔn kɔɔ Misraim asase soɔ no aba, na wɔabɛsɔre AWURADE, bepɔ kronkron no so wɔ Yerusalem.


Na ɛfiri owiapueeɛ de kɔsi n’atɔeɛ no me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, na wɔhye aduhwam bɔ afɔdeɛ ma me din mmaa nyinaa, na wɔde ayɛyɛdeɛ a ɛho teɛ ba; na me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Yei nti mese mo sɛ: Wɔbɛgye Nyankopɔn ahennie no afiri mo nsam de akɔma ɔman a wɔde mu aduaba bɛba.


Na obiara a ɔbɛhyɛ wo sɛ wone no nnante kwansini baako no, ɛne no nkɔ mmienu.


Na akoa no se: Owura, mayɛ sɛdeɛ wohyɛeɛ no, nanso ɛfa da so wɔ hɔ.


Na mese mo sɛ: Nnipa a wɔato nsa afrɛ wɔn no mu biara renka m’aduane no nhwɛ.


Na wɔhyɛɛ no dendeenden sɛ: Tena yɛn nkyɛn, na onwunu adwo, na adeɛ reyɛ asa. Ɛnna ɔhyɛnee mu ne wɔn kɔtenaeɛ.


Na wɔbɔɔ ɔno ne ne fiefoɔ asu no, ɔsrɛɛ sɛ: Sɛ moabu me sɛ megye Awurade medi nokorɛ mu a, mommra mmɛtena me fie; na ɔsrɛɛ yɛn ara maa yɛn ne no kɔe.


Na wɔtuaa ano na wɔkaa abususɛm no, ɔporoo n’atadeɛ mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo mogya ngu mo ara mo atifi; me deɛ, me ho afi. Ɛfiri nnɛ merekɔ amanaman no mu.


Enti monhunu sɛ wɔama wɔde Nyankopɔn nkwagyeɛ no akɔma amanaman mufoɔ; na wɔbɛte.


Ɛnna Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ ara, na oyi ne adwumadeɛ a mayi no a ɔbɛsoa me din akɔ amanaman ne ahemfo ne Israel mma anim.


Na mebisa sɛ: Wɔante koraa? Ampa ara wɔate, wɔn nne firi kɔɔ asase nyinaa so, na wɔn nsɛm duruu wiase ano.


Na sɛ yɛnim Awurade ho hu nti, yɛkasa kyerɛ nnipa sɛ wɔnhu no saa, na Onyankopɔn deɛ, yɛada adi ama no; na m’ani da so sɛ, yɛada adi wɔ mo ahonim mu nso.


Enti yɛyɛ abɔfoɔ ma Kristo, ɛte sɛ Onyankopɔn nam yɛn so retu foɔ; yɛgyina Kristo ananmu srɛ mo sɛ: Mo ne Nyankopɔn nka mmom.


Na yɛn a yɛne no bom yɛ adwuma no tu mo fo nso sɛ monnnye Nyankopɔn adom no kwa.


nanso gye sɛ mokɔ so ara tena gyidie no mu, gyina mo fapem no so pintinn a momma wɔntwe mo mfiri asɛmpa no anidasoɔ a moteeɛ a wɔaka no wiase abɔdeɛ nyinaa mu, a me Paulo mayɛ ho somfoɔ no ho.


Ɔno na yɛbɔ no dawuro, yɛkasa kyerɛ onipa biara, na yɛkyerɛkyerɛ ankorɛnkorɛ biara nyansa nyinaa mu, sɛ yɛde obiara bɛsi hɔ pɛpɛɛpɛ Kristo mu.


Pae mu ka asɛm no, gyina mu ɛberɛ a ɛyɛ ne deɛ ɛnyɛ mu, yi atɛn, ka anim, tu fo, abodwokyɛre ne nkyerɛkyerɛ nyinaa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan