Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 14:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na obiara a ɔma ne ho soɔ no, wɔbɛbrɛ no ase; na deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ no, wɔbɛma no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na obiara a ɔma ne ho soɔ no, wɔbɛbrɛ no ase; na deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ no, wɔbɛma no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na deɛ ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 14:11
24 Iomraidhean Croise  

Na ɔman a wɔbrɛ wɔn ho aseɛ no, wogye wɔn, na w’ani sa ahantanfoɔ na woabrɛ wɔn ase.


Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Haman sɛ: Ka wo ho kɔfa atadeɛ ne ɔpɔnkɔ no, sɛdeɛ woaka no, na yɛ saa ma Yudani Mordekai a ɔte ɔhene ponkɛseɛ mu no. Nnya deɛ woaka no nyinaa mu biara.


Sɛ wɔbrɛ wo ase a, ɛno deɛ, ahomasoɔ ntira. Ɛfiri sɛ ɔhobrɛaseni deɛ, ɔbɛma no adi yie.


Na AWURADE wɔ sorosoro, na ɔhwɛ ahobrɛasefoɔ, na ahantanfoɔ deɛ, ɔhu wɔn wɔ akyirikyiri.


Na wo na wogye ahobrɛasefoɔ, na wobrɛ ahantanfoɔ ase.


AWURADE suro ne nyansa atenetene, na ahobrɛaseɛ di animuonyam anim.


Deɛ ɛdi ɔsɛeɛ anim ne sɛ ɔbarima akoma a ɛma ne ho soɔ, na deɛ ɛdi animuonyam anim ne ahobrɛaseɛ.


Ɛwoɔdie ntrasoɔ nyɛ, enti animuonyam a nnipa pɛ ma wɔn ho nyɛ animuonyam.


Onipa ahantan bɛbrɛ no ase, na honhom mu ahobrɛaseɛni nsa bɛka animuonyam.


Nnipa ahantan ani bɛbrɛ ase, na mmarima ahomasoɔ ahwe fam, na wɔama AWURADE nko so ɛda no.


Na wɔbɛbrɛ onipa ahantan ase, na mmarima ahokyerɛ aba fam, na wɔama AWURADE nko so ɛda no.


Na sɛ deɛ ɔkorɔn na wɔama no soɔ, deɛ ɔte hɔ daa na ne din yɛ kronkron no seɛ nie: Mete soro ne deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, ne deɛ wabubuo na ne honhom brɛ aseɛ no nkyɛn nso, sɛ mɛma ahobrɛasefoɔ honhom anya nkwa, na mama wɔn a wɔabubu wɔn no akoma anya nkwa.


Na obiara a ɔbɛma ne ho soɔ no, wɔbɛbrɛ no ase; na obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.


Ɔde ne basa ayɛ ahoɔdenneɛ; wapansam wɔn a wɔyɛ ahantan wɔn akoma nsusuiɛ mu.


Watu atumfoɔ afiri wɔn nhennwa so na wapagya ahiafoɔ.


Na ɔsee deɛ ɔtoo nsa frɛɛ no no nso sɛ: Sɛ woto pono awia anaa anwummerɛ a, mfrɛ wo nnamfo anaa wo nuanom anaa w’abusuafoɔ anaa afipamfoɔ adefoɔ! Na wɔn nso ammɛto nsa amfrɛ wo bi, na woannya so akatua.


Mese mo sɛ: Oyi de bem sane kɔɔ ne fie mmom sene ɔbaako no; na obiara a ɔma ne ho soɔ no, wɔbɛbrɛ no ase, na deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ no, wɔbɛma no so.


Na ma onua a wɔabrɛ aseɛ nhoahoa ne ho, sɛ wɔrema ne soɔ no mu,


Mommrɛ mo ho ase Awurade anim, na ɔbɛma mo so.


Nanso ɔma adom bebree mmom. Enti na atwerɛ no se: Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan, na ɔdom ahobrɛasefoɔ.


Saa ara na mo mmabunu nso, momfa mo ho nhyɛ mpanimfoɔ aseɛ. Na mo nyinaa momfira ahobrɛaseɛ, na monsom mo ho mo ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan, na ɔdom ahobrɛasefoɔ.


Enti mommrɛ mo ho ase Nyankopɔn tumi nsa no ase, na wama mo so, berɛ a ɛsɛ mu.


Na Samuel kaa sɛ: Ɛwom sɛ woyɛ wo ara w’ani so ketewa deɛ, nanso ɛnyɛ wone Israel mmusuakuo ti? AWURADE sraa wo ngo sɛ di Israel so hene;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan