Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 13:29 - New Revised Asante Twi Bible

29 Na wɔbɛfiri apueeɛ, atɔeɛ, atifi ne anafoɔ aba abɛtena adidiiɛ Nyankopɔn ahennie mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

29 Na wɔbɛfiri apueeɛ, atɔeɛ, atifi ne anafoɔ aba abɛtena adidiiɛ Nyankopɔn ahennie mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

29 Nnipa fi apuei ne atɔe nyinaa behyia wɔ Onyankopɔn ahenni no mu hɔ ato nsa adidi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

29 Nnipa firi apueeɛ ne atɔeɛ bɛhyia wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu ato nsa adidi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

29 Na wobefi apuei ne atɔe, atifi ne anafo aba abɛtena adidii Onyankopɔn ahenni mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 13:29
14 Iomraidhean Croise  

Na w’asefoɔ bɛyɛ sɛ asase so mfuturo, na woatrɛ akɔ atɔeɛ ne apueeɛ, atifi fam ne anafoɔ fam. Na wo ne w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira wiase mmusuakuo nyinaa.


mɛka makyerɛ atifi fam sɛ: Fa ma! Na maka makyerɛ anafoɔ fam sɛ: Mfa nkora! Fa me mmabanin firi akyirikyiri bra, ne me mmammaa firi asase ano,


ɔse: Ɛyɛ hare sɛ wobɛyɛ m’akoa na woama Yakob mmusuakuo soɔ, na wode Israel mu wɔn a wɔakora wɔn no asane aba; na mede wo bɛyɛ amanaman hann, na woayɛ me nkwagyeɛ akɔduru asase ano.


Na ɛfiri owiapueeɛ de kɔsi n’atɔeɛ no me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, na wɔhye aduhwam bɔ afɔdeɛ ma me din mmaa nyinaa, na wɔde ayɛyɛdeɛ a ɛho teɛ ba; na me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Na mese mo sɛ, nnipa pii bɛfiri apueeɛ ne atɔeɛ aba, na wɔne Abraham ne Isak ne Yakob abɛtena adidiiɛ ɔsoro ahennie mu;


Ɛno na ɔbɛsoma n’abɔfoɔ na wɔakɔboaboa wɔn a wayi wɔn no ano afiri mframa nnan no mu, ɛfiri asase ano kɔpem ɔsoro ano.


Na hwɛ, akyikafoɔ bi wɔ hɔ a wɔbɛdi kan, na adikanfoɔ bi wɔ hɔ a wɔbɛka akyire.


Enti monhunu sɛ wɔama wɔde Nyankopɔn nkwagyeɛ no akɔma amanaman mufoɔ; na wɔbɛte.


nanso gye sɛ mokɔ so ara tena gyidie no mu, gyina mo fapem no so pintinn a momma wɔntwe mo mfiri asɛmpa no anidasoɔ a moteeɛ a wɔaka no wiase abɔdeɛ nyinaa mu, a me Paulo mayɛ ho somfoɔ no ho.


Asɛmpa no na aba mo nkyɛn, sɛdeɛ ɛwɔ wiase nyinaa nso, na ɛreso aba na ɛkɔ so nyini, sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mo mu nso firi da a moteeɛ na mohunuu Nyankopɔn adom nokorɛ mu no,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan