Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 13:27 - New Revised Asante Twi Bible

27 Na ɔbɛka sɛ: Mo deɛ, mennim deɛ mofire. Momfiri me so, mo a moyɛ deɛ ɛntene nyinaa!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

27 Na ɔbɛka sɛ: Mo deɛ, mennim deɛ mofire. Momfiri me so, mo a moyɛ deɛ ɛntene nyinaa!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 “Na ofiwura no nso bebisa mo bio se, ‘Mufi he? Minnim mo. Mumfi mʼani so nkɔ, mo nnebɔneyɛfo!’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 “Na efiewura no nso bɛbisa mo bio sɛ, ‘Mofiri he? Mennim mo. Momfiri mʼani so nkɔ, mo nnebɔneyɛfoɔ!’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

27 Na obese mo sɛ: Mo de, minnim nea mufi. Mumfi me so, mo a moyɛ nea ɛnteɛ nyinaa!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 13:27
15 Iomraidhean Croise  

Ɛfiri sɛ AWURADE nim teneneefoɔ kwan, na abɔnefoɔ kwan deɛ, ɛbɛyera.


Daa anɔpa mɛtwitwa asase so abɔnefoɔ nyinaa, na matu amumuyɛfoɔ nyinaa mafiri AWURADE kuro mu.


Nnebɔneyɛfoɔ, momfiri me so, na madi me Nyankopɔn mmara nsɛm so.


Na wɔn a wɔmane kɔ wɔn akwan nkontonkyi soɔ deɛ, AWURADE de wɔn bɛfra amumuyɛfoɔ akɔ. Asomdwoeɛ mmra Israel so.


Ntwe me mfra abɔnefoɔ ne abusuyɛfoɔ a wɔne wɔn yɔnkonom kasa asomdwoeɛ soɔ, na wɔn akoma mu deɛ, bɔne wɔ mu.


Wosɛe wɔn a wɔka atorosɛm. AWURADE kyiri mogyapɛfoɔ ne asisifoɔ.


Mo amumuyɛfoɔ nyinaa, momfiri me so mfi! Na AWURADE ate me su.


Na sɛ wɔyɛne wɔn mma mpo a, mɛma wɔadi awommawuo na obi anka; na sɛ metwe me ho mefiri wɔn ho a, wɔnnue ara!


Na ɔbuaa sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, menni mo.


Ɛnna ɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ benkum no nso sɛ: Mo a wɔadome mo, momfiri me so nkɔ daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfoɔ no mu!


Ɛfiri berɛ a efiewura no bɛsɔre ato pono mu no ara na mobɛfiri aseɛ agyina akyire, na moabɔ ɛpono no mu sɛ: Owura, hini yɛn! Na ɔbɛbua mo sɛ: Mo deɛ, mennim deɛ mofire.


Na obi dɔ Onyankopɔn a, ɔno na Onyankopɔn nim no.


Na afei a moahunu Onyankopɔn, anaasɛ Onyankopɔn mmom ahu mo yi, adɛn na moasane mo akyiri bio kɔ honhom mu nsɛm nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ mmerɛ, na ɛdi hia no ho, na mopɛ sɛ mofiri aseɛ foforɔ som bio?


Nanso Nyankopɔn nnyinasoɔ tim hɔ pintinn kura nsɔano yi: Awurade nim wɔn a wɔyɛ ne deɛ; ɛne: Ma obiara a ɔbɔ Awurade din ntwe ne ho mfiri deɛ ɛntene ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan