Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 13:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Na ɔkaa saa no, n’atamfoɔ no nyinaa ani wuiɛ, na nkurɔfokuo no nyinaa ani gyee animuonyam adeɛ a ɔyɛeɛ no nyinaa nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

17 Na ɔkaa saa no, n’atamfoɔ no nyinaa ani wuiɛ, na nkurɔfokuo no nyinaa ani gyee animuonyam adeɛ a ɔyɛeɛ no nyinaa nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Ɔkaa saa no, wɔn a na wɔne nʼadwene nhyia no nyinaa ani wui. Nnipa no nso a na wɔwɔ hyiadan no mu nyinaa ani gyee nʼanwonwade ahorow a ɔyɛe no nyinaa ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Ɔkaa saa no, wɔn a na wɔne nʼadwene nhyia no nyinaa ani wuiɛ. Nnipa no nso a na wɔwɔ hyiadan no mu nyinaa ani gyee nʼanwanwadeɛ ahodoɔ a ɔyɛeɛ no nyinaa ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

17 Na ɔkaa saa no, n’atamfo no nyinaa ani wui, na nkurɔfokuw no nyinaa ani gyei anuonyanne a ɔyɛe no nyinaa nti.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 13:17
19 Iomraidhean Croise  

Me ho asɛmpɛfoɔ bɛhyɛ aniwuo, na wɔafira wɔn ahohora sɛ ntoma.


N’adwuma yɛ anidie ne animuonyam, na ne tenenee gyina hɔ daa.


Mɛhyɛ n’atamfo aniwuo, na ɔno deɛ, n’ahenkyɛ bɛhyerɛn n’atifi.


Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra asɛe no no ani nwu, na wɔn anim ngu ase, ma wɔn a wɔpɛ me bɔne nsane wɔn akyi, na wɔnnane ahohorafoɔ.


Hwan na ɔte sɛ woɔ, AWURADE, wɔ anyame mu? Hwan na ɔte sɛ woɔ, kronkronyɛ mu onimuonyamfoɔ, deɛ ne ho yɛ hu ayeyie mu, anwanwadeɛyɛfoɔ.


Ɛda no na AWURADE ban no bɛyɛ fɛ animuonyam mu, na asase so aba bɛyɛ ahoahoadeɛ ne ahyehyɛdeɛ ama Israel nkaeɛ a wɔanya nkwa no.


Wɔbɛka me ho asɛm sɛ, AWURADE mu nko ara na tenenee ne ahoɔden wɔ; ne nkyɛn na wɔbɛba, na wɔn a wɔn bo afu no nyinaa ani bɛwu.


Montie AWURADE asɛm, mo a n’asɛm nti mo ho popoɔ: Mo nuanom a wɔtane mo a me din nti wɔtu mo no ka sɛ: AWURADE nnya animuonyam na yɛnhunu mo anigyeɛ; nanso wɔn na wɔn ani bɛwu.


Na wɔantumi ammua no yeinom ho bi bio.


Na amonom hɔ ara, ɔhunuu adeɛ, na ɔdii n’akyi de animuonyam maa Onyankopɔn. Na ɔman no nyinaa hunuiɛ no, wɔde ayeyie maa Onyankopɔn.


Na wɔanhunu deɛ wɔbɛyɛ; ɛfiri sɛ ɔman no nyinaa de wɔn ho bataa ne ho tiee no.


Na yei akyiri no, wɔantumi ammisa no asɛm bi bio.


Na wɔteateaa wɔn bio no, wɔgyaa wɔn, na ɔman no nti wɔnhunu sɛdeɛ wɔbɛtwe wɔn aso, ɛfiri sɛ, ɛnam deɛ na asie no nti, wɔn nyinaa hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam.


Nso wɔrenkɔ wɔn anim pii biara, na wɔn gyimi bɛda adi nnipa nyinaa anim, sɛdeɛ wɔn deɛ no nso yɛeɛ no.


asɛmpa a ɛyɛ a wɔnnya ho asɛm bi nka adi, na deɛ ɔne yɛn anya no afɛre, ɛfiri sɛ ɔnni yɛn ho bɔne biara ka.


ɔdwoɔ ne suro mu, na monnya ahonim pa, na deɛ wɔdi mo ho nsekuro wɔ mu no, wɔn a wɔgu mo abrabɔ pa a ɛwɔ Kristo mu no ho fi no ani awu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan