Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 13:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Na Awurade buaa no sɛ: Nyaatwomfoɔ! Mo mu biara nsane ne nantwie anaa n’afunumu mfiri n’adididaka ho mma no nkɔnom nsuo homeda?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

15 Na Awurade buaa no sɛ: Nyaatwomfoɔ! Mo mu biara nsane ne nantwie anaa n’afunumu mfiri n’adididaka ho mma no nkɔnom nsuo homeda?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Na Awurade buaa no se, “Nyaatwomfo! Mo mu hena na ɔnsan ne nantwi anaa nʼafurum na ɔnka no nkɔnom nsu homeda?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Na Awurade buaa no sɛ, “Nyaatwomfoɔ! Mo mu hwan na ɔnsane ne nantwie anaa nʼafunumu na ɔnka no nkɔnom nsuo homeda?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 Na Awurade buaa no sɛ: Nyaatwomfo! So mo mu biara nsan ne nantwi anaa n’afurum mfi n’adididaka ho mma ɔnkɔnom nsu homeda?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 13:15
16 Iomraidhean Croise  

na onipa kɔnkɔnsani anni hene, na wɔansum ɔman fidie.


Ɔdebɔneyɛni de n’ano sɛe ne yɔnko, na teneneefoɔ nimdeɛ na wɔde bɛyi wɔn.


na tirimuɔdenfoɔ ayɛ ɔkwa, na ahiyifoɔ asa, na wɔatwa wɔn a wɔdwene amumuyɛsɛm nyinaa atwene,


Monnyaa wɔn, wɔyɛ anifirafoɔ a wɔkyerɛ anifirafoɔ kwan; na sɛ onifirani kyerɛ onifirani kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amena mu.


Nyaatwomfoɔ! Ɛdi sɛ Yesaia hyɛɛ mo ho nkɔm sɛ:


Monnue! Mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ moto ɔsoro ahennie mu nnipa anim; na mo ara monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu.


Saa ara nso na moboapa yɛ sɛ nnipa tenenee wɔ nnipa anim, na mo mu deɛ, nyaatwom ne amumuyɛ ayɛ ma.


Nyaatwomni! Yi mpuna no firi w’ani so kane, ɛno ansa na wobɛhunu adeɛ yie, ayi duaa no afiri wo nua ani soɔ.


Berɛ no mu ara a nkurɔfokuo mpempem aboaboa wɔn ano na mpo wɔtiatia wɔn ho soɔ no, ɔfitii aseɛ ka kyerɛɛ n’asuafoɔ no kane sɛ: Monhwɛ mo ho yie Farisifoɔ mmɔka a ɛne nyaatwom no ho!


Na ɔbisaa wɔn sɛ: Mo mu hwan afunumu anaa nantwie na ɔkɔtɔ abura mu a, ɔrenkɔtwe no ntɛmntɛm homeda?


Ɛbɛyɛ dɛn na wobɛtumi aka akyerɛ wo nua sɛ: Onua, ma menyi duaa a ɛda w’ani soɔ no! Na wo ara w’ani so mpuna deɛ, wonhunu? Nyaatwomni, yi mpuna no firi w’ani so kane, ansa na woahunu adeɛ yie de ayi wo nua ani so duaa.


Na Awurade hunuu ɔbaa no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nsu!


Na Yohane frɛɛ n’asuafoɔ no mu baanu somaa wɔn kɔɔ Awurade nkyɛn sɛ: Wone deɛ ɔreba no anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforɔ?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan