Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 11:34 - New Revised Asante Twi Bible

34 Wo nipadua kanea ne w’ani. Enti sɛ w’ani yɛ a, wo nipadua nyinaa nso bɛyɛ hann; na sɛ ɛnyɛ a, wo nipadua nso bɛyɛ kusuu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

34 Wo nipadua kanea ne w’ani. Enti sɛ w’ani yɛ a, wo nipadua nyinaa nso bɛyɛ hann; na sɛ ɛnyɛ a, wo nipadua nso bɛyɛ kusuu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

34 Wʼani yɛ wo nipadua kanea. Ɛno nti sɛ wʼani ye a na wo nipadua nso yɛ hann. Nanso sɛ enye a, ɛma wo nipadua no dan sum tumm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

34 Wʼani yɛ wo onipadua kanea. Ɛno enti, sɛ wʼani yɛ a, na wo onipadua nso yɛ hann. Nanso, sɛ ɛnyɛ a, ɛma wo onipadua no dane sum tumm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

34 Wo nipadua kanea ne w’aniwa. Enti sɛ w’ani ye a, wo nipadua nyinaa nso bɛyɛ hann; na sɛ enye a, wo nipadua nso bɛyɛ kusuu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 11:34
28 Iomraidhean Croise  

Na nnipa a wɔgyina ɛpono ano no deɛ, wɔfirafiraa wɔn ani firi mmɔfra so kɔsi mpanin so, na wɔhwehwɛɛ ɛpono ano kwan brɛe.


Bue m’ani, na menhwɛ wo mmara mu anwanwadeɛ.


Na megyaa wɔn wɔn akoma denyɛ mu, maa wɔnantee wɔn ara tirim agyina a wɔtuiɛ mu.


Ani a ɛtra ntɔn ne akoma a ɛhoran, mekyerɛ, abɔnefoɔ kwan no deɛ, ɛyɛ bɔne.


Oniberefoɔ pere ahonya ho, na ɔnhunu sɛ ɔhia bɛba ne so.


AWURADE de nnahɔɔ honhom agu mo so, na wamuamua mo ani a ɛne adiyifoɔ no, na mo tiri a ɛne adehunufoɔ no, wakata so.


Hwan ani na afira sɛ m’akoa, hwan na n’aso asie sɛ me bɔfoɔ a mesoma no no? Hwan ani na afira sɛ deɛ ɔwɔ m’asomdwoeɛ apam mu, hwan na n’ani afira sɛ AWURADE akoa no?


Wɔnnim na wɔnni nhunumu, na wasram wɔn ani so, na wɔanhunu adeɛ, ne wɔn adwene nso, na wɔante aseɛ;


Wɔnnue, wɔn a wɔfrɛ bɔne sɛ papa ne papa sɛ bɔne, wɔn na wɔde sum yɛ hann, na wɔde hann yɛ sum, wɔde nwononwono yɛ fremfrem, na wɔde fremfrem yɛ nwononwono!


Ma ɔman yi akoma mpirim, na wɔn aso mu nyɛ duru, na ka wɔn ani femfam so, na wɔamfa wɔn ani anhunu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔn akoma anhunu mu, na wɔansakyera, na wɔansa wɔn yadeɛ.


Montie yei ɛ, ɔman nkwaseafoɔ a wɔnni tire, wɔwɔ ani, nso wonhunu adeɛ, wɔwɔ aso, nso wɔnte asɛm.


na ehunu deɛ wɔahunu, na wɔanhunu mu, na ɛteɛ nso wɔate, na wɔante aseɛ, na da bi wɔansakyera, na wɔamfa wɔn bɔne ankyɛ wɔn.


ayerefasɛm, aniberebereɛ, amumuyɛ, nsisie, ahohwie, anibɔne, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm.


Mowɔ ani na monhunu adeɛ? Na mowɔ aso nso monte asɛm? Na monkae?


Enti hwɛ yie, na hann a ɛwɔ wo mu no annane sum.


Na afei, hwɛ, Awurade nsa da wo so, na w’ani bɛfira, na worenhunu owia, gye da bi. Na amonom hɔ ara kusukuukuu ne esum bɛduruu no so maa no kyini hwehwɛɛ obi a ɔbɛsɔ ne nsa akyerɛ ne kwan.


Na daa wɔde akoma korɔ hyiaa mu wɔ asɔrefie, na wɔbubuu paanoo afie mu de ahosan ne akoma kronn dii wɔn aduane,


Na woabue wɔn ani, na wɔadane afiri sum mu aba hann mu, na wɔafiri Satan tumi ase aba Nyankopɔn nkyɛn, na wɔanya bɔne fakyɛ ne agyapadeɛ, wɔn a wɔde gyeɛ a wɔgye me die no ate wɔn ho no mu.


Na yɛn ahohoahoa ne sɛ, yɛn ahonim di yɛn adanseɛ, sɛ yɛnam Nyankopɔn kronkronyɛ ne n’ahoteɛ mu, na ɛnyɛ honam mu nyansa mu, na mmom Nyankopɔn adom mu na yɛnam bɔɔ yɛn bra wiase, ne titire no, mo ntam.


Nanso mesuro sɛ ebia, sɛdeɛ ɔwɔ no de n’aniteɛ bɛdaadaa Hawa no, saa ara nso na wɔbɛsɛe mo adwene afiri Kristo fam ahofama no ho.


wɔn mu na wiase nyame afira wɔn a wɔnnye nnie no adwene ani, na Kristo a ɔyɛ Nyankopɔn suban no animuonyam asɛmpa no hann anhyerɛn amma wɔn.


Mebɔ mpaeɛ sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn, animuonyam Agya no, mma mo nyansa ne adiyie honhom wɔ ne ho nimdeɛ mu,


Nkoa, momfa suro ne ahopopoɔ ntie mo honam fam wuranom asɛm mfiri mo akoma mu, sɛdeɛ moyɛ ma Kristo,


Nkoa, montie mo honam fam wuranom asɛm nnoɔma nyinaa mu, ɛnyɛ anisoɔ som mu, sɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, na mmom akoma kronn mu, sɛ wɔn a wɔsuro Awurade.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan