Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 11:32 - New Revised Asante Twi Bible

32 Ninewe mmarima ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmuo no mu, na wɔabu wɔn fɔ; ɛfiri sɛ Yona asɛnka no nti, wɔsakyeraa wɔn adwene. Na hwɛ, deɛ ɔsene Yona wɔ ha yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

32 Ninewe mmarima ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmuo no mu, na wɔabu wɔn fɔ; ɛfiri sɛ Yona asɛnka no nti, wɔsakyeraa wɔn adwene. Na hwɛ, deɛ ɔsene Yona wɔ ha yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

32 Atemmuda no Ninewe mmarima ne nnɛmma bɛsɔre ayi ɔman yi atɛn, efisɛ bere a Yona kaa asɛmpa no, wɔsakraa wɔn adwene. Nanso nea ɔsen Yona wɔ ha.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

32 Atemmuo da no, Ninewe mmarima bɛsɔre atia nnɛmma yi na wɔabu mo fɔ ɛfiri sɛ, ɛberɛ a Yona kaa asɛmpa no, wɔnuu wɔn ho. Nanso, deɛ ɔsene Yona wɔ ha.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

32 Niniwe mmarima ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmu no mu, na wɔabu wɔn fɔ; efisɛ Yona asɛnka nti wɔsakraa wɔn adwene. Na hwɛ, nea ɔsen Yona wɔ ha yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 11:32
9 Iomraidhean Croise  

Na Yona firii aseɛ hyɛnee kuro no mu nantee da koro, na ɔpaee sɛ: Aka adaduanan na Ninewe abutu.


Ɛnna Ninewefoɔ no gyee Onyankopɔn diiɛ, na wɔpaee mmuadadie, na wɔfirafiraa ayitoma firi wɔn mu nnipa akɛseɛ so kɔsii wɔn mu akumaa so.


Ɛnna Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yona sɛ: Ɛyɛ sɛ wo bo fuu adedenkruma no ho anaa? Na Yona buaa sɛ: Aane ɛyɛ sɛ me bo fu de kɔ owuo mu.


Na ɔbua see wɔn sɛ: Nnɛ mma abɔnefoɔ ne awaresɛefoɔ hwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ, nanso wɔremma wɔn nsɛnkyerɛnneɛ biara gye Odiyifoɔ Yona nsɛnkyerɛnneɛ no.


Ninewe mmarima ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmuo no mu na wɔabu wɔn fɔ, ɛfiri sɛ wɔsakyeraa wɔn adwene wɔ Yona asɛnka mu; na hwɛ, deɛ ɔsene Yona wɔ ha.


Anafoɔ hemmaa no ne nnɛ mma yi mu mmarima bɛsɔre atemmuo no mu, na wabu wɔn fɔ; ɛfiri sɛ ɔfiri asase ano nohoa bɛtiee Salomo nyansa. Na hwɛ, deɛ ɔsene Salomo wɔ ha.


Na ɔsɔfo panin a ɔfata yɛn ne saa ɔsɔfo panin yi a ne ho teɛ, ɔnni bɔne, ne ho nni nkekaeɛ, wɔayi no afiri nnebɔneyɛfoɔ ho, na wɔama no so akyɛne soro.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan