Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 11:29 - New Revised Asante Twi Bible

29 Na nkurɔfoɔ akuakuo no boaboaa wɔn ano pitipiti no, ɔfirii aseɛ kaa sɛ: Nnɛ mma yi yɛ abusua bɔne; wɔhwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ, nanso wɔremma wɔn nsɛnkyerɛnneɛ biara, gye Yona nsɛnkyerɛnneɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

29 Na nkurɔfoɔ akuakuo no boaboaa wɔn ano pitipiti no, ɔfirii aseɛ kaa sɛ: Nnɛ mma yi yɛ abusua bɔne; wɔhwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ, nanso wɔremma wɔn nsɛnkyerɛnneɛ biara, gye Yona nsɛnkyerɛnneɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

29 Nnipa no kyeree Yesu so no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Nnɛ mma yi yɛ nnebɔneyɛfo. Wɔhwehwɛ nsɛnkyerɛnne bi ahu nanso wɔrenhu nsɛnkyerɛnne biara sɛ Yona nsɛnkyerɛnne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

29 Nnipa no kyeree Yesu so no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnɛmma yi yɛ nnebɔneyɛfoɔ. Wɔhwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi ahunu nanso wɔrenhunu nsɛnkyerɛnneɛ biara sɛ Yona nsɛnkyerɛnneɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

29 Na nkurɔfo akuwakuw no boaboaa wɔn ho ano pitipiti no, ofii ase kae sɛ: Nnɛ mma yi yɛ abusua bɔne; wɔhwehwɛ sɛnkyerɛnne, nanso wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara, sɛ Yona sɛnkyerɛnne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 11:29
19 Iomraidhean Croise  

Na Hesekiel ayɛ mo nsɛnkyerɛnneɛ; sɛdeɛ wayɛ yi nyinaa, mobɛyɛ no berɛ a ɛbɛba mu no, na moahunu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn.


Na AWURADE asɛm baa Amitai ba Yona nkyɛn sɛ:


Na Yohane hunuu Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no mu bebree sɛ wɔreba asubɔ no ho no, ɔsee wɔn sɛ: Nhuritia mma! Hwan na ɔkyerɛɛ mo sɛ monnwane mfiri abufuo a ɛreba no ho?


Na obiara a n’ani bɛwu me ne me nsɛm ho, nnɛ mma awaresɛefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ yi mu no, ɔno nso ho bɛyɛ Onipa Ba no aniwu ɛda a ɔne abɔfoɔ kronkron no bɛba wɔ n’agya animuonyam mu no.


Na ebinom sɔɔ no hwɛe hwehwɛɛ ne nkyɛn nsɛnkyerɛnneɛ bi a ɛfiri soro.


na wɔahwehwɛ adiyifoɔ nyinaa mogya a wɔhwie guiɛ firi wiase asehyɛ so wɔ nnɛ mma yi nsam,


Berɛ no mu ara a nkurɔfokuo mpempem aboaboa wɔn ano na mpo wɔtiatia wɔn ho soɔ no, ɔfitii aseɛ ka kyerɛɛ n’asuafoɔ no kane sɛ: Monhwɛ mo ho yie Farisifoɔ mmɔka a ɛne nyaatwom no ho!


Na Yesu buaa sɛ: O ɛnnɛ mma a wɔnni gyidie na wɔakyeakyea, mentena mo nkyɛn na mento me bo ase mo ho nkɔduru da bɛn? Fa wo ba no bra ha!


Ɛnna Yudafoɔ no bua see no sɛ: Nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na wode kyerɛ yɛn a enti woyɛ yeinom?


Ɛnna wɔsee no sɛ: Ɛnneɛ nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na woreyɛ, na yɛahunu na yɛagye wo adie? Ɛdeɛn na woreyɛ?


Mo deɛ, mo agya a mofiri ne mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔdeɛ na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifoɔ firi mfitiaseɛ, na ɔnnyina nokorɛ so; ɛfiri sɛ nokorɛ nni ne mu. Sɛ ɔka atorosɛm a, ɛfiri ɔno ara ne mu na ɔka; ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔtorofoɔ ne atorɔ agya.


Ɛfiri sɛ Yudafoɔ bisa nsɛnkyerɛnneɛ, na Helafoɔ nso hwehwɛ nyansa;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan