Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 11:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Sɛ ɔhoɔdenfoɔ amia rewɛn ne fie a, n’ahodeɛ wɔ hɔ komm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 Sɛ ɔhoɔdenfoɔ amia rewɛn ne fie a, n’ahodeɛ wɔ hɔ komm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 “Sɛ ɔhoɔdenfo de akode wɛn ne fi a, obiara rentumi nkowia nʼagyapade;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 “Sɛ ɔhoɔdenfoɔ de akodeɛ wɛn ne fie a, obiara rentumi nkɔwia nʼagyapadeɛ;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Sɛ ɔhoɔdenfo amia rewɛn ne fi a, n’ahode wɔ hɔ komm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 11:21
5 Iomraidhean Croise  

Wɔgye dɔmmarima nsam adeɛ a wafa, anaasɛ ɔhene tirimuɔdenfoɔ nnommum bɛfiri ne nsa?


Anaasɛ ɛbɛyɛ dɛn na obi bɛtumi akɔ ɔhoɔdenfoɔ fie akɔfom n’afideɛ, gye sɛ ɔdi kan kyekyere ɔhoɔdenfoɔ no ansa na wafom ne fie.


Obi ntumi nkɔ ɔhoɔdenfoɔ fie nkɔto nhyɛ no so mfom n’afideɛ mfa, gye sɛ ɔkyekyere ɔhoɔdenfoɔ no kane, ansa na wafom ne fie nnoɔma.


Na sɛ mede Nyankopɔn nsateaa metu ahonhommɔne a, ɛnneɛ na Nyankopɔn ahennie aba mo so.


Na sɛ deɛ ɔsene no ahoɔden ba ne so na ɔdi ne so nkonim a, ɔgye n’akodeɛ a n’ani da soɔ no, na ɔkyɛ n’asadeɛ mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan