Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 10:39 - New Revised Asante Twi Bible

39 Na Marta wɔ onuabaa bi a wɔfrɛ no Maria a ɔtenaa Awurade nan ase tiee n’asɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

39 Na Marta wɔ onuabaa bi a wɔfrɛ no Maria a ɔtenaa Awurade nan ase tiee n’asɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

39 Marta nuabea bi a wɔfrɛ no Maria tenaa fam wɔ Yesu nkyɛn tiee no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

39 Marta nuabaa bi a wɔfrɛ no Maria tenaa fam wɔ Yesu nkyɛn tiee no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

39 Na ɔwɔ onuabea bi a wɔfrɛ no Maria a ɔtenaa Awurade nan ase tiee n’asɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 10:39
11 Iomraidhean Croise  

Na Elisa sane baa Gilgal. Na ɛkɔm aba asase no so, na adiyifoɔ mma no tete n’anim. Na ɔka kyerɛɛ n’abɔfra sɛ: Fa ɛsɛnkɛseɛ si so na noa aduane ma adiyifoɔ mma no.


Nhyira ne onipa a ɔtie me na ɔwɛn m’apono ano daa daa, na ɔhwɛ m’aboboano aponnwa soɔ.


adeɛ baako na ɛhia: Maria deɛ, wayi deɛ ɛyɛ no, ɛno na wɔrennye ne nsam.


Na ɛbaa sɛ ne nnansa soɔ no, wɔkɔhunuu no wɔ asɔrefie sɛ ɔte akyerɛkyerɛfoɔ ntam retie wɔn na ɔrebisabisa wɔn nsɛm.


Na wɔfirii adi bɛhwɛɛ deɛ asie; na wɔbaa Yesu nkyɛn, na wɔbɛhunuu onipa a ahonhommɔne firii ne mu kɔeɛ no sɛ ɔte Yesu nan ase fira ntoma a n’adwene mu ateɛ; na wɔsuroe.


Na ɔyarefoɔ bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Lasaro a ɔfiri Betania, Maria ne ne nuabaa Marta kuro mu.


na Yudafoɔ no mu pii aba Marta ne Maria nkyɛn sɛ wɔrebɛgyam wɔn, wɔn nua no nti.


Ɛnna Maria faa ngo hwamhwam kronkron a ne boɔ yɛ den kariboɔ baako de bɛsraa Yesu nan ho, na ɔde ne tirinwi pepaa ne nan ho; na ngo no hwam yɛɛ ɛdan no mu ma.


Meyɛ Yudani a wɔwoo me Tarso wɔ Kilikia, na wɔtetee me kuro yi mu wɔ Gamaliel nan ase, na wɔkyerɛkyerɛɛ me agyanom mmara no mu pɛ, na mebɔɔ Nyankopɔn som ho mmɔden, sɛdeɛ mo nyinaa moyɛ nnɛ yi.


Aane, ɔdɔ ne man, n’akronkronfoɔ nyinaa wɔ ne nsam. Na wɔn deɛ, wɔtete wo nan ase na wɔtie w’asɛm.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan