Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 10:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Ɛdɔn no ara mu ne ho sanee no honhom mu, na ɔkaa sɛ: Agya, ɔsoro ne asase Wura, meyi wo ayɛ sɛ wode nnoɔma yi ahunta anyansafoɔ ne animdefoɔ, na woayi akyerɛ nkɔkoaa. Aane, Agya, ne saa na ɛyɛ anisɔ wɔ w’anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 Ɛdɔn no ara mu ne ho sanee no honhom mu, na ɔkaa sɛ: Agya, ɔsoro ne asase Wura, meyi wo ayɛ sɛ wode nnoɔma yi ahunta anyansafoɔ ne animdefoɔ, na woayi akyerɛ nkɔkoaa. Aane, Agya, ne saa na ɛyɛ anisɔ wɔ w’anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Saa bere no ara mu na Yesu de Honhom Kronkron mu anigye bɔɔ mpae se, “Agya, ɔsoro ne asase wura, meda wo ase sɛ wode saa nneɛma yi ahintaw wɔn a wosusuw sɛ wɔyɛ anyansafo, na mmom woada nokware no adi akyerɛ wɔn a wɔde ahobrɛase gye wo di sɛ mmofra no. Nanso Agya, wo pɛ mu na woma ɛbaa saa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Saa ɛberɛ no ara mu, Yesu de Honhom Kronkron mu anigyeɛ bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Agya, ɔsoro ne asasewura, meda wo ase sɛ wode saa nneɛma yi ahinta wɔn a wɔsusu sɛ wɔyɛ anyansafoɔ, na mmom woada nokorɛ no adi akyerɛ wɔn a wɔde ahobrɛaseɛ gye wo di sɛ mmɔfra no. Nanso, Agya, wo pɛ mu na woma ɛbaa saa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Ɛdɔn no ara mu ne ho san no honhom mu, na ɔkae sɛ: Agya, ɔsoro ne asase Wura, miyi wo ayɛ sɛ wode nneɛma yi ahintaw anyansafo ne animdefo, na woayi akyerɛ nkokoaa. Yiw, Agya, ne saa na ɛyɛ anisɔ wɔ w’anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 10:21
29 Iomraidhean Croise  

Asase ne n’adeɛ dodoɔ yɛ AWURADE dea, wiase ne wɔn a wɔte mu no wɔ no.


AWURADE yi ne tirim asɛm kyerɛ wɔn a wɔsuro no, na ɔma wɔhunu n’apam no mu.


Wo a w’animuonyam pue firi mmɔfra ne nkɔkoaa anomu. Wo na woasiesie abankɛseɛ, w’atamfo nti, na wode amua ɔtamfoɔ ne ɔweretɔfoɔ ano.


hwɛ, mɛkɔ so ara na me ne ɔman yi adi no anwanwasɛm mu. Mɛma no ayɛ nwanwa ne ahodwiri, na wɔn anyansafoɔ nyansa ayera, na wɔn nhunumufoɔ nhunumu so akata.


Na tempɔn ne kwan bɛda hɔ, na wɔbɛfrɛ no Ɔkwan Kronkron; deɛ ne ho nteɛ remfa so, na ɛno na wɔde bɛma wɔn; nkwaseafoɔ mpo remfom kwan wɔ so.


Ɔbɛhunu ne kra brɛ no ho adeɛ amee. Ne hunu mu na m’akoa teneneeni no bɛnya tenenee ama nnipa pii, na ɔno ara afa wɔn amumuyɛ nso asoa.


Na sɛdeɛ aberanteɛ ware ababaa no, sɛ wo mma bɛware woɔ ne no. Sɛdeɛ ayeforɔkunu ho sɛpɛ no ayeforɔ ho no, saa ara nso na wo Nyankopɔn ho bɛsɛpɛ no wo ho.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɔsoro yɛ m’adwa, na asase yɛ me nan ntiasoɔ; ɛdan bɛn na mobɛsi ama me, na ɛhe na me homebea wɔ?


AWURADE wo Nyankopɔn wɔ wo mu no yɛ ɛdɔnkunini, ɔgyefoɔ; ɔde anigyeɛ bɛdi wo ho ahurisie, ɔde dɔ bɛyɛ wo foforɔ, ɔde nnwom bɛbɔ se wɔ wo ho.


Ɛnna Yesu bua see no sɛ: Nhyira ne wo, Yona ba Simon, ɛfiri sɛ ɛnyɛ ɔhonam ne mogya na ɛyi kyerɛɛ woɔ, na m’agya a ɔwɔ soro no.


na wɔbisaa no sɛ: Wote deɛ yeinom reka no? Na Yesu see wɔn sɛ: Aane. Monkenkanee pɛn sɛ: Nkɔkoaa ne wɔn a wɔnom nufoɔ ano mu na woasiesie ayeyie, anaa?


Na Yohane hunuu Farisifoɔ ne Sadukifoɔ no mu bebree sɛ wɔreba asubɔ no ho no, ɔsee wɔn sɛ: Nhuritia mma! Hwan na ɔkyerɛɛ mo sɛ monnwane mfiri abufuo a ɛreba no ho?


Nokorɛ mese mo sɛ: Obiara a ɔrennye Nyankopɔn ahennie sɛ abɔfra no, ɔrenkɔ mu koraa.


Na sɛ ɔhu no a, ɔde no bɔ ne kɔn ho, na n’ani gye.


Na ɔhunu a, ɔfrɛfrɛ ne nnamfo ne n’afipamfoɔ boa ano, na ɔka sɛ: Mo ne me ani nnye, ɛfiri sɛ mahunu me dwetɛbena a ɛyeraeɛ no.


Ɛnna wɔyii ɔboɔ no. Na Yesu maa n’ani so kaa sɛ: Agya, meda wo ase sɛ woatie me.


Na sɛ yɛn asɛmpa so akata a, ɛso akata wɔ wɔn a wɔreyera no mu;


Ɔno ara Kristo mu na wayɛ yɛn adedifoɔ nso, sɛdeɛ ɔyɛ nnoɔma nyinaa, ne pɛ agyinatuo soɔ no, bɔɔ ne tirim hyehyɛ too hɔ no,


Ɔyii yɛn too hɔ sɛ ɔnam Yesu Kristo so bɛfa yɛn abayɛ mu, sɛdeɛ ne pɛ anisɔ teɛ,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan