Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 10:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Na aduɔson no de anigyeɛ sane ba bɛkaa sɛ: Awurade, wo din mu ahonhommɔne mpo abrɛ wɔn ho ase ama yɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

17 Na aduɔson no de anigyeɛ sane ba bɛkaa sɛ: Awurade, wo din mu ahonhommɔne mpo abrɛ wɔn ho ase ama yɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Aduɔson no san de anigye ba bɛbɔɔ amanneɛ se, “Awurade, wo din nti ahonhommɔne mpo abrɛ wɔn ho ase ama yɛn.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Aduɔson no sane de anigyeɛ baeɛ bɛbɔɔ amaneɛ sɛ, “Awurade, wo din enti, ahonhommɔne mpo abrɛ wɔn ho ase ama yɛn.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

17 Na aduɔsɔn no de anigye san bae bɛkae sɛ: Awurade, wo din nti ahonhommɔne po abrɛ wɔn ho ase ama yɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 10:17
8 Iomraidhean Croise  

Na ne ho asɛm trɛ kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a wɔyareɛ nyinaa, a nyarewa ne ɔhaw ahodoɔ akuta wɔn, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn soɔ, wɔn a wɔyare ɛtwirɛ ne wɔn a wɔyare mmubuo brɛɛ no na ɔsaa wɔn yadeɛ.


Na nsɛnkyerɛnneɛ yi bɛdi wɔn a wɔbɛgye adie akyi: Me din mu, wɔbɛtu ahonhommɔne, wɔbɛkasa kasa foforɔ,


Yeinom akyiri no, Awurade yii nnipa aduɔson bio, na ɔsomasomaa wɔn baanu baanu dii n’anim kɔɔ kuro biara ne baabiara a ɔno ara rebɛkɔ hɔ.


Nanso yei mu deɛ, mommma mo ani nnnye sɛ ahonhom abrɛ wɔn ho ase ama mo; na mmom, momma mo ani nnye sɛ wɔatwerɛ mo din ɔsoro.


Na monsa emu ayarefoɔ yadeɛ, na monka nkyerɛ wɔn sɛ: Nyankopɔn ahennie abɛn mo.


Na ɔfrɛɛ dummienu no hyiae, maa wɔn ahonhommɔne nyinaa ne ayaresa so tumi ne ahoɔden.


na asomdwoeɛ Nyankopɔn no bɛpɛkyɛ Satan mo nan ase ntɛm. Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.


Na sɛdeɛ asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara nso na ɛyerenom nyɛ mma wɔn kununom, ade nyinaa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan