Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 10:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Mfuturo a ɛfiri mo kuro mu, a ahura yɛn nan ho mpo, yɛreprapra agu mo so; na ɛyɛ dɛn ara a, monhunu yei sɛ Nyankopɔn ahennie abɛn mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Mfuturo a ɛfiri mo kuro mu, a ahura yɛn nan ho mpo, yɛreprapra agu mo so; na ɛyɛ dɛn ara a, monhunu yei sɛ Nyankopɔn ahennie abɛn mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 ‘Mo kurom ha mfutuma a ɛwɔ yɛn nan ase mpo, yɛreporoporow agu, de atia mo; na mmom munhu pefee sɛ, Onyankopɔn ahenni no abɛn.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 ‘Mo kurom ha mfuturo a ɛwɔ yɛn nan ase mpo, yɛreporoporo agu, de atia mo; na mmom monhunu pefee sɛ, Onyankopɔn Ahennie no abɛn.’

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Mfuturu a efi mo kurow mu a ahura yɛn anan ho po, yɛreprapra agu mo so; na ɛyɛ dɛn ara a, munhu eyi sɛ Onyankopɔn ahenni abɛn mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 10:11
16 Iomraidhean Croise  

Na sɛ wɔtie oo, wɔantie oo, (ɛfiri sɛ abusua atuatefoɔ ne wɔn nti), ɛnyɛ dɛn ara a, wɔbɛhunu sɛ odiyifoɔ bi aba wɔn mu.


Na obiara a ɔrennye mo na ɔrentie mo nsɛm no, mofiri efie anaa kuro no mu rekɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo.


Na mokɔ a, monkɔka sɛ: Ɔsoro ahennie no abɛn.


sɛ: Monsakyera mo adwene; na ɔsoro ahennie no abɛn.


Na wɔn a wɔrennye mo, na wɔrentie mo asɛm no, sɛ morefiri hɔ akɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo nni wɔn adanseɛ.


Na kuro biara a mobɛkɔ mu na wɔrennye mo no, momfiri adi nkɔ kuro no abɔntene so, na monka sɛ:


Na monsa emu ayarefoɔ yadeɛ, na monka nkyerɛ wɔn sɛ: Nyankopɔn ahennie abɛn mo.


Na wɔn a wɔrennye mo no, mofiri kurom hɔ rekɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo mfa nni adanseɛ ntia wɔn.


Anuanom, Abraham asefoɔ ne mo mu nnipa a mosuro Onyankopɔn no, yɛn na wɔasoma nkwagyeɛ asɛm yi abrɛ yɛn.


Enti monhwɛ yie, na asɛm a wɔaka no adiyifoɔ mu no amma mo so sɛ:


Na Paulo ne Barnaba de akokoɔduro kaa sɛ: Ɛhia sɛ anka wɔka Nyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kane; na ɛnam sɛ mosum twene na mobu mo ho sɛ monsɛ daa nkwa yi, hwɛ, yɛdane kɔ amanaman no nkyɛn.


Ɛnna wɔporoporoo wɔn nan ase mfuturo guu wɔn soɔ, na wɔbaa Ikonium.


Na Israelfoɔ ho deɛ, ɔka sɛ: Daa nyinaa metrɛɛ me nsam memaa ɔman asoɔdenfoɔ nyiyianofoɔ.


Na mmom ɛse sɛn? Asɛm no abɛn wo, w’anomu ne w’akoma mu, (ɛno ne gyidie asɛm a yɛbɔ no dawuro no).


Ɔno ara a ɔyɛ n’animuonyam no haran ne ne su nsɛsoɔ, na ɔde ne tumi asɛm sɔ nnoɔma nyinaa mu no, ɔde ɔno ara ne ho dwiraa yɛn bɔne no, ɔkɔtenaa animuonyam kɛseɛ no nifa so ɔsorosoro,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan