Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 1:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na ɛbaa sɛ ɛduruu n’asɔfokuo so na ɔreyɛ n’asɔfodwuma wɔ Nyankopɔn anim no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na ɛbaa sɛ ɛduruu n’asɔfokuo so na ɔreyɛ n’asɔfodwuma wɔ Nyankopɔn anim no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Da bi a eduu Sakaria asɔfokuw so sɛ wɔyɛ asɔredan mu adwuma no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɛda bi a ɛduruu Sakaria asɔfokuo so sɛ wɔyɛ asɔredan mu adwuma no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na ɛbae sɛ eduu n’asɔfokuw so na ɔreyɛ n’asɔfodwuma Onyankopɔn anim no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 1:8
16 Iomraidhean Croise  

Yei ne wɔn adwumayɛ dibea, sɛdeɛ wɔn som no teɛ, sɛ wɔnhyɛne AWURADE fie sɛ wɔn atorɔmudeɛ a ɛnam wɔn agya Aaron so baeɛ no, sɛdeɛ AWURADE Israel Nyankopɔn hyɛɛ no no.


Na Nadab ne Abihu dii wɔn agya anim wuwui a wɔnni mma. Na Eleasa ne Itamar bɛdii asɔfoɔ.


Na Lewifoɔ no gyigyaa wɔn nkuro ho mmoa adidibea nsase ne wɔn agyapadeɛ, na wɔbaa Yuda ne Yerusalem, ɛfiri sɛ Yeroboam ne ne mma tutuu wɔn sɛ wɔnnni AWURADE asɔfoɔ,


Na Aaron mma, asɔfoɔ no a wɔwɔ wɔn nkuro ho mmoa adidibea nsase so mfuo mu, mmarima a wɔabobɔ wɔn din mmaako mmaako wowɔ nkuro no nyinaa mu sɛ wɔmfa kyɛfa no mmema asɔfoɔ no mu mmarima nyinaa ne wɔn a wɔakan wɔn Lewifoɔ no mu no nyinaa.


Na Hesekia de asɔfoɔ ne Lewifoɔ no nkyekyɛmu so atitire no sisii wɔn nkyekyɛmu so, obiara sɛdeɛ ne som teɛ, asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no, sɛ wɔmmobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ na wɔnsom na wɔnna ase, nyi ayɛ AWURADE nsraban apono mu.


Na sɛdeɛ n’agya Dawid atorɔmudeɛ teɛ no, ɔde asɔfoɔ no nkyekyɛmu no sisii wɔn som so, ne Lewifoɔ no nso, wɔn som nnwuma so, sɛ wɔnyi ayɛ na wɔnsom asɔfoɔ no anim, sɛdeɛ ɛhia da biara; ne apono ano hwɛfoɔ no, wɔn nkyekyɛmu mu, ɛpono ne ɛpono ano, na saa na Nyankopɔn nipa Dawid hyɛeɛ.


Na wɔde asɔfoɔ no sisii wɔn akuakuo so, ne Lewifoɔ no, wɔn nkyekyɛmu so maa Nyankopɔn som Yerusalem, sɛdeɛ wɔtwerɛɛ no Mose nwoma no mu no.


Afei, ma wo nua Aaron ne ne mmabanin mfiri Israelfoɔ mu mmra wo nkyɛn, na wɔnyɛ me asɔfoɔ: Aaron ne ne mma Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar.


Na fa hyehyɛ wo nua Aaron ne ne mma a wɔka ne ho no, na sra wɔn ngo, na hyɛ wɔn asɔfoɔ na dwira wɔn, na wɔnni me sɔfoɔ.


Na yei na yɛ fa dwira wɔn, na wɔnni me asɔfoɔ: Fa nantwiburuwa baako ne adwennini mmienu a wɔnni dɛm,


Na mɛma ahyiaeɛ ntomadan ne afɔrebukyia no ayɛ kronkron, na mɛma Aaron ne ne mma ayɛ kronkron, na wɔayɛ me asɔfoɔ.


Na fa aboomu bobɔ Aaron ne ne mma no mu, na bobɔ wɔn abotire; na asɔfodwuma nyɛ wɔn deɛ sɛ daa atorɔmudeɛ. Sɛɛ na hyɛ Aaron ne ne mma asɔfoɔ.


Na sra Aaron ne ne mma no ngo yɛ wɔn kronkron, na wɔnni me asɔfoɔ.


Na wo ne wo mma a wɔka wo ho no nhwɛ mo asɔfodie no, afɔrebukyia no ho nsɛm nyinaa mu ne ntwamutam no mu deɛ no mu mfa nsom. Mede mo asɔfodie no mama mo sɛ akyɛdeɛ som adwuma; na obi foforɔ biara a ɔpinkyɛ no, wɔnku no.


Yudahene Herode berɛ so no, ɔsɔfoɔ bi tenaa ase a wɔfrɛ no Sakaria a ɔfiri Abia asɔfokuo mu, na ne yere yɛ Aaron mmammaa no mu bi a wɔfrɛ no Elisabet.


nanso wɔnni ba, ɛfiri sɛ na Elisabet yɛ obonini, na wɔn baanu nyinaa anyinyini pa ara!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan