Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 1:76 - New Revised Asante Twi Bible

76 Na wo, abɔfra yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no diyifoɔ; ɛfiri sɛ wobɛdi Awurade anim akɔsiesie n’akwan,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

76 Na wo, abɔfra yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no diyifoɔ; ɛfiri sɛ wobɛdi Awurade anim akɔsiesie n’akwan,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

76 “Na wo, akokoaa yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no Odiyifo efisɛ wo na wubesiesie ɔkwan ama Agyenkwa no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

76 “Na wo, akɔkoaa yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no Odiyifoɔ, ɛfiri sɛ, wo na wobɛsiesie ɛkwan ama Agyenkwa no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

76 Na wo, abofra yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no diyifo; efisɛ wubedi Awurade anim akosiesie n’akwan,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 1:76
22 Iomraidhean Croise  

Na Sion ho deɛ, wɔbɛka sɛ: Wɔwoo wɔn nyinaa mmaako mmaako wɔ ne mu, na ɔno na ɔma n’ase tim, ɔsorosoroni no.


Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na AWURADE a mohwehwɛ no, aane apam bɔfoɔ a mopɛ no no bɛba n’asɔrefie; hwɛ, ɔreba, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Hwɛ, meresoma Odiyifoɔ Elia mabrɛ mo, ansa na AWURADE da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba.


Na ɔpɛɛ sɛ ɔkum no, nanso na ɔsuro nkurɔfoɔ no, ɛfiri sɛ na wɔbu no sɛ odiyifoɔ.


Na sɛ yɛka sɛ ɛfiri nnipa a, yɛsuro nkurɔfokuo no; ɛfiri sɛ wɔn nyinaa bu Yohane sɛ odiyifoɔ.


Me deɛ, mebɔ mo asu wɔ nsuo mu kɔ adwensakyera mu, na deɛ ɔdi m’akyi reba no deɛ, ɔkorɔn kyɛn me; na ne mpaboa mpo, mensɛ sɛ mekura. Ɔno na ɔbɛbɔ mo asu Honhom Kronkron ne ogya mu.


Na oyi ne deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaa ne ho asɛm sɛ: Obi nne reteam wɔ ɛserɛ so sɛ: Monsiesie Awurade kwan! Momma n’atempɔn ntene!


Anaasɛ yɛnka sɛ: Ɛfiri nnipa? Na wɔsuro nkurɔfokuo no, ɛfiri sɛ na nnipa nyinaa bu Yohane sɛ ɔyɛ odiyifoɔ ampa.


Ɔbɛyɛ ɔkɛseɛ, na wɔafrɛ no deɛ Ɔwɔ Sorosoro no Ba; na Awurade Nyankopɔn de n’agya Dawid ahennwa bɛma no.


Na ɔbɔfoɔ no bua see no sɛ: Honhom Kronkron no bɛba wo so, na Deɛ Ɔwɔ Sorosoro no ahoɔden abɛkata wo so; enti na ade kronkron a wobɛwoɔ no, wɔbɛfrɛ no Nyankopɔn ba.


Na monnɔ mo atamfoɔ, na monyɛ yie na momfɛm wɔ deɛ ani nni biribi soɔ, na mo akatua ayɛ bebree, na moayɛ deɛ ɔwɔ sorosoro no mma, ɛfiri sɛ ɔno deɛ, ɔyɛ ma bonniayɛfoɔ ne nnipa bɔne.


Ɔse: Mene ɛnne a ɛtea mu ɛserɛ so sɛ: Montene Awurade kwan! sɛdeɛ Odiyifoɔ Yesaia kaeɛ no.


Ɔno ne deɛ ɔdi m’akyiri reba a mensɛ sɛ mesane ne mpaboa homa mpo.


Mo ara modi me adanseɛ sɛ mekaa sɛ: Ɛnyɛ mene Kristo no, na wɔsomaa me dii n’anim.


Ɔno na ɔdii Paulo ne yɛn akyiri teaa mu sɛ: Nnipa yi ne Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no nkoa a wɔkyerɛ mo nkwagyeɛ kwan.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan