Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 1:71 - New Revised Asante Twi Bible

71 sɛ wɔnnye yɛn mfiri yɛn atamfoɔ ne wɔn a wɔkyiri yɛn nyinaa nsam;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

71 sɛ wɔnnye yɛn mfiri yɛn atamfoɔ ne wɔn a wɔkyiri yɛn nyinaa nsam;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

71 sɛ, ɔbɛma yɛn Agyenkwa a obegye yɛn afi yɛn atamfo ne wɔn a wokyi yɛn no nsam no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

71 sɛ, ɔbɛma yɛn Agyenkwa a ɔbɛgye yɛn afiri yɛn atamfoɔ ne wɔn a wɔkyiri yɛn no nsam no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

71 sɛ wonnye yɛn mfi yɛn atamfo ne wɔn a wokyi yɛn nyinaa nsam;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 1:71
19 Iomraidhean Croise  

na mmom AWURADE mo Nyankopɔn na monsuro no, na ɔno na ɔbɛyi mo afiri mo atamfoɔ nyinaa nsam.


Na ɔgyee wɔn firii deɛ ɔkyiri wɔn no nsam, na ɔyii wɔn firii ɔtamfoɔ nsam,


Gye yɛn nkwa, AWURADE, yɛn Nyankopɔn, na boaboa yɛn ano firi amanaman mu, na yɛnna wo din kronkron no ase, na yɛmfa w’ayeyie nhyehyɛ yɛn ho.


Ne berɛ so na wɔbɛgye Yuda nkwa, na Israel atena ase dwoodwoo, na yei ne ne din a wɔde bɛfrɛ no: AWURADE yɛn tenenee.


Hwɛ, me ara mɛboa wɔn ano afiri nsase a m’abufuo ne m’abufuhyeɛ ne anibereɛ kɛseɛ mu mesunsumm wɔn kɔɔ hɔ no nyinaa so, na mede wɔn asane aba ha bio, na mama wɔatena ase dwoodwoo,


Na wɔbɛtena so dwoodwoo, asi adan, ayeyɛ bobe nturo, na wɔatena ase dwoodwoo, ɛfiri sɛ mɛyɛ atemmudeɛ, wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia bu wɔn animtia no nyinaa mu, na wɔahunu sɛ mene AWURADE wɔn Nyankopɔn.


Na me ne wɔn bɛpam asomdwoeɛ apam, na mahye mmoa bɔne ase, asase no so, na wɔatena ɛserɛ so dwoodwoodwoo, na wɔadeda kwaeɛ mu.


Na wɔrenyɛ amanaman fomfa adeɛ bio, na asase so mmoa renni wɔn nam bio, na wɔbɛtena ase dwoodwoo a obiara biara renyi wɔn hu.


Nna pii akyiri no, wɔbɛba abɛhwɛ wo; mfeɛ a ɛdi akyire no mu no, wobɛba asase a wɔadane ɛsofoɔ afiri nkrantɛ ano de wɔn abɛsi hɔ na wɔaboa wɔn ano afiri aman bebree mu no so, Israel mmepɔ a ɛdedaa mpan daa no so; na afei wɔayi ɔman no afiri aman no mu, na wɔn nyinaa te hɔ dwoodwoo.


Nhyira ne Awurade, Israel Nyankopɔn, ɛfiri sɛ wabɛhwɛ na wagye ne man;


sɛ ɔbɛma wɔayi yɛn afiri yɛn atamfoɔ nsam, na yɛasom no a ehu nni mu,


Nhyira ne wo, Israel, hwan na ɔte sɛ woɔ, ɔman a wɔanya AWURADE mu nkwagyeɛ! Ɔyɛ wo mmoa kyɛm, na ɔyɛ wo kɛseyɛ nkrantɛ. W’atamfo bɛwae ama wo, na wo deɛ, wobɛtiatia wɔn sorɔnsorɔmmea so.


Deɛ ɔyɛ bɔne no firi ɔbonsam, ɛfiri sɛ ɔbonsam na ɔfiri mfitiaseɛ yɛɛ bɔne. Yei nti na Nyankopɔn Ba no bɛyii ne ho adi sɛ ɔbɛsɛe ɔbonsam nnwuma.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan