Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 1:66 - New Revised Asante Twi Bible

66 Na wɔn a wɔteeɛ nyinaa de siee wɔn akoma mu kaa sɛ: Ɛdeɛn ara na abɔfra yi rebɛyɛ? Hwɛ, Awurade nsa wɔ ne so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

66 Na wɔn a wɔteeɛ nyinaa de siee wɔn akoma mu kaa sɛ: Ɛdeɛn ara na abɔfra yi rebɛyɛ? Hwɛ, Awurade nsa wɔ ne so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

66 Obiara a ɔtee saa nsɛm yi bisaa ne ho se, “Ɛno de, na dɛn na abofra yi rebenyin ayɛ? Ɛda adi pefee sɛ Awurade nsa wɔ ne so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

66 Obiara a ɔtee saa nsɛm yi bisaa ne ho sɛ, “Ɛdeɛn na abɔfra yi bɛnyini ayɛ daakye? Ɛda adi pefee sɛ Awurade nsa wɔ ne so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

66 Na wɔn a wɔtee nyinaa de siee wɔn komam kae sɛ: Ɛdɛn ara na abofra yi rebɛyɛ? Hwɛ, Awurade nsa wɔ no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 1:66
16 Iomraidhean Croise  

Na ne nuanom ani beree no; na n’agya deɛ, ɔde nsɛm no siee.


Na AWURADE dii Yosef akyi, na ɔyɛɛ ɔbarima a ne ho wɔ siadeɛ, na ɔtenaa ne wura Misraimni no fie.


Na AWURADE nsa baa Elia so, na ɔbɔɔ n’abɔsoɔ tuu mmirika dii Ahab anim de kɔduruu sɛ wɔrehyɛne Yesreel.


Mede wo nsɛm makora m’akomam, na manyɛ wo ho bɔne bi.


Fa wo nsa kata wo nifa nipa no so, onipa ba a woafa no ayɛ wo deɛ pintinn no so,


Ɔno na me nsa bɛma no atim, na me basa nso ahyɛ no den.


Na abɔfra no nyiniiɛ, na ɔnyaa honhom mu ahoɔden; na ɔtenaa serɛ so de kɔduruu da a ɔde ne ho kɔkyerɛɛ Israel.


Na Maria deɛ, ɔde nsɛm yi nyinaa sieeɛ, na ɔdwenee ho n’akoma mu.


Na abɔfra no nyiniiɛ, na ɔyɛɛ nnam, na nyansa yɛɛ no ma, na Nyankopɔn adom wɔ ne so.


Na ɔne wɔn sii mu sane kɔɔ Nasaret, na ɔbrɛɛ ne ho ase maa wɔn. Na ne na de nsɛm yi nyinaa siee n’akomam.


Momma nsɛm yi nkɔ mo aso mu; na wɔrebɛyi onipa ba no ahyɛ nnipa nsa.


Na Awurade nsa ka wɔn ho, na nnipa pii gye dii, na wɔdane baa Awurade nkyɛn.


ɛsiane anidasoɔ a ɛda hɔ ma mo wɔ ɔsoro, ɛno na monam asɛmpa nokwasɛm so dii kan teɛ.


Na mmeranteɛ no mu baako buaa sɛ: Hwɛ, mahunu Betlehemni Yisai ba bi a ɔnim bɔ, ɔyɛ ɔbarima a ɔtumi ne ho ne ɔkofoni, na ɔhunu nsɛm mu, na ne ho nso yɛ fɛ, na AWURADE di n’akyi.


Na Samuel deɛ, ɔsom AWURADE anim; ɔyɛ abɔfra a wɔde nwera asɔfotadeɛ abɔ ne mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan