Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 1:65 - New Revised Asante Twi Bible

65 Na ehu kaa wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia no nyinaa, na wɔkekaa nsɛm yi nyinaa wɔ Yudea mmepɔ so nkuro nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

65 Na ehu kaa wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia no nyinaa, na wɔkekaa nsɛm yi nyinaa wɔ Yudea mmepɔ so nkuro nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

65 Wɔn a wɔtee nyinaa ho dwiriw wɔn, na saa asɛm yi trɛw faa Yudea mmepɔw so hɔ nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

65 Wɔn a wɔteeɛ nyinaa ho dwirii wɔn, na saa asɛm yi trɛ faa Yudea mmepɔ so hɔ nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

65 Na ehu kaa wɔn a atwa wɔn ho ahyia nyinaa, na wɔkekaa nsɛm yi nyinaa Yudea mmepɔw so nkurow nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 1:65
12 Iomraidhean Croise  

Na wɔwoo Yesu Betlehem a ɛwɔ Yudea, Ɔhene Herode berɛ so no, hwɛ anyansafoɔ bi firi Apueeɛ baa Yerusalem


Na nna no mu ara, Maria de ahoɔherɛ sɔre kɔɔ mmepɔ so Yuda kuro no mu,


Na deɛ nnwanhwɛfoɔ no kaeɛ no yɛɛ wɔn a wɔteeɛ nyinaa nwanwa.


Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiri, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn animuonyam, na ehu kaa wɔn pii, na wɔkaa sɛ: Ɛnnɛ deɛ, yɛahunu anwanwadeɛ.


Na ehu kaa wɔn nyinaa, na wɔyii Onyankopɔn ayɛ sɛ: Odiyifoɔ kɛseɛ asɔre wɔ yɛn mu, na Onyankopɔn abɛhwɛ ne man.


Na Yudafoɔ ne Helafoɔ a wɔte Efeso nyinaa teeɛ no, ehu kaa wɔn nyinaa, na wɔyii Awurade Yesu din ayɛ kɛse.


Na ehu baa nnipa nyinaa so, na asomafoɔ no yɛɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ pii.


Na ehu kɛseɛ kaa asafo mu no nyinaa ne wɔn a wɔtee yeinom nyinaa.


Na Anania tee nsɛm yi no, ɔhwee ase wui. Na ehu kɛseɛ baa wɔn a wɔtee yeinom nyinaa so.


Na Yosua sɛee asase no nyinaa: Mmepɔ no ne Negeb ne ɛpo ho mpaperɛ so ne mmepɔ ase ne wɔn ahemfo nyinaa; wannya odwanefoɔ biara, na adeɛ biara a ɛhome no, ɔsɛee no pasapasa, sɛdeɛ AWURADE Israel Nyankopɔn hyɛeɛ no.


Ɛnna Gibeonfoɔ no soma maa wɔbaa Yosua nkyɛn Gilgal nsraban no mu sɛ: Nyi wo nsa mfiri wo nkoa so, bra yɛn nkyɛn bɛgye yɛn nkwa na di boa yɛn, na Amorifoɔ a wɔte mmepɔ soɔ ahemfo nyinaa abɛhyia atia yɛn.


Na nnansa ne fa akyiri no, nkwa honhom firii Nyankopɔn mu bɛhyɛnee wɔn mu, na wɔgyinagyinaa wɔn nan so, na ehu kɛseɛ kaa wɔn a wɔhunuu wɔn no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan