Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 1:51 - New Revised Asante Twi Bible

51 Ɔde ne basa ayɛ ahoɔdenneɛ; wapansam wɔn a wɔyɛ ahantan wɔn akoma nsusuiɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

51 Ɔde ne basa ayɛ ahoɔdenneɛ; wapansam wɔn a wɔyɛ ahantan wɔn akoma nsusuiɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

51 Ɔde ne nsa a tumi wɔ mu no abɔ ahomasofo ne ahantanfo ne wɔn nsusuwii apete.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

51 Ɔde ne nsa a tumi wɔ mu no abɔ ahomasofoɔ ne ahantanfoɔ ne wɔn nsusuiɛ apete.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

51 Ɔde ne basa ayɛ ahoɔdenne; wapansam wɔn a wɔyɛ ahantan wɔn koma nsusuwii mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 1:51
32 Iomraidhean Croise  

Na ɛfiri hɔnom na AWURADE bɔɔ wɔn hwetee asase nyinaa ani, na wɔgyaee kuro no kyekyerɛ.


Na AWURADE hunuu sɛ nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn akoma mu nsusuiɛ nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa.


Na AWURADE tee afɔdeɛ no hwam no, ɔkaa no n’akoma mu sɛ: Onipa nti merennome asase bio, ɛfiri sɛ onipa akoma mu adwene yɛ bɔne firi ne mmɔfraase, na merensɛe deɛ ɛte aseɛ nyinaa bio, sɛdeɛ mayɛ yi.


Osebɔ ne nim gyegye ateneneefoɔ ntomadan mu, AWURADE nifa di mmaninsɛm.


AWURADE ma amanaman agyina dane hunu, ɔma aman adwene yɛ ɔkwa.


Mɛyi wo ayɛ daa, sɛ wo na woyɛeɛ, na mɛtwɛn wo din, ɛfiri sɛ ɛyɛ, w’ahotefoɔ anim.


Ɛbɛmee me kra sɛ ekyim ne sradeɛ, na mede ahosan mu anoteɛ bɛyi wo ayɛ.


Wo na woabubu Rahab pasaa sɛ ɔtɔfoɔ, wode wo tumi nsa abɔ w’atamfo apansam.


Tumi basa ne mmarimayɛ wɔ wo, wo nsa yɛ den, wɔama wo nifa so.


Monto dwom foforɔ mma AWURADE, na wayɛ anwanwadeɛ, ne nifa ne ne basa kronkron adi nim ama no.


Afei na mahunu sɛ AWURADE yɛ kɛseɛ sene anyame nyinaa, ɛfiri sɛ ɔyii ɔman no firii Misraim nsam, berɛ a wɔredi wɔn so ahantansɛm.


Hwɛ, AWURADE Nyankopɔn de tumi reba, na ne basa bɛdi nim ama no. Hwɛ, n’akatua ka ne ho, na n’ananmuhyɛ di n’anim.


AWURADE basa, nyane ɛ, nyane ɛ! Hyɛ ahoɔden! Nyane sɛ akane nna no mu, teteete awoɔ ntoatoasoɔ mu. Ɛnyɛ wone deɛ ɔtwitwaa Rahab na ɔhwiree asuboa kɛseɛ no mu no?


AWURADE ayi ne basa kronkron no ho, amanaman nyinaa anim, na asase ano nyinaa ahunu yɛn Nyankopɔn nkwagyeɛ.


Deɛ ɔmaa n’animuonyam basa no dii Mose nifa, deɛ ɔpaee nsuo mu, wɔn anim de gyee daa din faeɛ no?


Na hwɛ, mayɛ wo amanaman mu ketewa ma wɔabu wo animtia nnipa mu.


Afei me, Nebukadnessar, mekamfo ɔsoro hene mema no so meyi no ayɛ, sɛ ne nneyɛɛ nyinaa yɛ nokorɛ, na n’akwan yɛ atɛntenenee, na wɔn a wɔnam ahantan soɔ no, ɔtumi brɛ wɔn ase.


ɛfiri sɛ wɔnim Onyankopɔn deɛ, nanso wɔanhyɛ no animuonyam sɛ Onyankopɔn, na wɔanna no ase, na mmom wɔn adwene yɛ nkwasea adwene na sum ahyɛ wɔn akoma a nteaseɛ nni mu no ma.


ne biribiara a ɛkorɔn a wɔma so de ne Nyankopɔn nimdeɛ di asie, na yɛafa adwene nyinaa dommum de ayɛ setie ama Kristo,


Anaasɛ onyame bi asɔ ahwɛ pɛn sɛ ɔbɛkɔ akɔyi ɔman bi afiri ɔman bi mu afa wɔ sɔhwɛ ahodoɔ, nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne akodie ne nsa a ɛyɛ den ne basa a watene ne ahodwirideɛ akɛseɛ mu, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn yɛ maa mo Misraim wɔ mo anim no anaa?


Saa ara na mo mmabunu nso, momfa mo ho nhyɛ mpanimfoɔ aseɛ. Na mo nyinaa momfira ahobrɛaseɛ, na monsom mo ho mo ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan, na ɔdom ahobrɛasefoɔ.


Yei nti na ne haw bɛba da koro pɛ, owuo ne awerɛhoɔ ne ɛkɔm, na wɔde ogya bɛhye no, ɛfiri sɛ Awurade Nyankopɔn a ɔbu no atɛn no yɛ ɔhoɔdenfoɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan