Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 1:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Onimuonyamfoɔ kɛse Teofilo, ɛyɛɛ me sɛ, ɛyɛ sɛ me nso, mahwehwɛ ne nyinaa mu pɛpɛɛpɛ firi mfitiaseɛ no, metwerɛ no nnidisoɔ nnidisoɔ mebrɛ woɔ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Onimuonyamfoɔ kɛse Teofilo, ɛyɛɛ me sɛ, ɛyɛ sɛ me nso, mahwehwɛ ne nyinaa mu pɛpɛɛpɛ firi mfitiaseɛ no, metwerɛ no nnidisoɔ nnidisoɔ mebrɛ woɔ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Nanso minyaa adwene bi sɛ, sɛ mehwehwɛ nea wɔakyerɛw no nyinaa mu yiye na mekyerɛw brɛ wo a, eye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Nanso, menyaa adwene bi sɛ, sɛ mehwehwɛ deɛ wɔatwerɛ no nyinaa mu yie na metwerɛ brɛ wo a, ɛyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Onuonyamfo kɛse Teofilo, ɛyɛɛ me sɛ, eye sɛ me nso, mahwehwɛ ne nyinaa mu pɛpɛɛpɛ fi mfiase no, mekyerɛw no nnidiso nnidiso mebrɛ wo,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 1:3
17 Iomraidhean Croise  

AWURADE, me Nyankopɔn, w’anwanwadeɛ ne w’adwene, woama no adɔɔso ama yɛn, wɔrentumi mfa biribiara nto wo ho; anka mɛka na makasa ho, ɛdɔɔso sene sɛ wɔbɛtumi akan.


Woayɛ yeinom, na mayɛ komm nti, wosusu sɛ mete sɛ wo ara, mɛka w’anim na mede mataataa w’anim.


sɛ mɛma woahunu nokorɛ nsɛm asetim, na wode nokwasɛm akɔbua wɔn a wɔsoma woɔ no anaa?


Nanso deɛ ɛka ho a Ɔsɛnkafoɔ no yɛ mu nyansafoɔ no, ɔkyerɛɛ ɔman no nimdeɛ kaa ho, na ɔkarii na ɔpeepee mu, na ɔbubuu mmɛ bebree.


Ɛsiane sɛ nnipa pii afa ato wɔn ho so sɛ wɔbɛkyerɛ nsɛm a aba mu wɔ yɛn ntam no nnidisoɔ nnidisoɔ,


Teofilo, akane nwoma a meyɛeɛ no fa nnoɔma a Yesu firii aseɛ yɛeɛ, na ɔkyerɛkyerɛeɛ nyinaa


Na Petro firii aseɛ bɔɔ wɔn ne nyinaa ho amanneɛ mmaako mmaako sɛ:


Enti m’asɛm a mewɔ meka ne sɛ: Wɔnnha wɔn a wɔfiri amanaman no mu adane aba Nyankopɔn nkyɛn no;


yɛde nokorɔ hyiaeɛ no, ɛyɛɛ yɛn sɛ ɛyɛ sɛ yɛyi nnipa bi soma wɔn ka yɛn adɔfo Barnaba ne Paulo,


Na ɛsɔɔ Honhom Kronkron ne yɛn ani sɛ, wɔmfa adesoa bi nto mo soɔ, gye deɛ ɛhia yi ara, ɛne


Na ɔkyɛree hɔ kakra no, ɔfirii hɔ kɔkyinii Galatia ne Frigia nkuro nyinaa mu hyɛɛ asuafoɔ no nyinaa den.


Klaudio Lisia de yei kyea amrado pa Felike.


Felike, onimuonyamfoɔ, yɛde aseda gye daa wɔ mmaa nyinaa.


Na ɔse: Memmɔɔ dam, Onimuonyamfoɔ Festo, na meka nokorɛ ne anidahɔ nsɛm.


Na onua Apolo deɛ, matu no fo pii sɛ ɔne anuanom no mmra mo nkyɛn; nso ɔmpɛ koraa sɛ ɔba seesei, na mmom ɔnya ho deɛ a, ɔbɛba.


Na sɛ ɔtena hɔ saa ara a, m’adwene ne sɛ, ɛyɛ mmom ma no; na ɛyɛ me sɛ me nso mewɔ Nyankopɔn honhom.


Sɛ wode yeinom kyerɛ anuanom a, wobɛyɛ Kristo Yesu somfo pa a wɔde gyidie ne nkyerɛkyerɛ pa a wodii akyire no nsɛm ayɛne no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan