Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 1:20 - New Revised Asante Twi Bible

20 Na hwɛ, wobɛtɔre mum, na worentumi nkasa de bɛkɔ akɔsi da a yeinom bɛba mu, ɛfiri sɛ, woannye me nsɛm a ɛbɛba mu ne berɛ mu no anni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

20 Na hwɛ, wobɛtɔre mum, na worentumi nkasa de bɛkɔ akɔsi da a yeinom bɛba mu, ɛfiri sɛ, woannye me nsɛm a ɛbɛba mu ne berɛ mu no anni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 Esiane sɛ woagye akyinnye nti, wobɛtɔ mum akosi sɛ wɔbɛwo abofra no. Na nea maka akyerɛ wo yi nyinaa bɛba mu pɛpɛɛpɛ wɔ ne bere a ɛsɛ mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 Esiane sɛ woagye akyinnyeɛ enti, wobɛtɔ mumu kɔsi sɛ wɔbɛwo abɔfra no. Na deɛ maka akyerɛ wo yi nyinaa bɛba mu pɛpɛɛpɛ wɔ ne berɛ a ɛsɛ mu.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

20 Na hwɛ, wobɛtɔ mum, na worentumi nkasa de bɛkɔ akosi da a eyinom bɛba mu, efisɛ woannye me nsɛm a ɛbɛba mu ne bere mu no anni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 1:20
22 Iomraidhean Croise  

Na ɔsafohene no buaa Nyankopɔn nipa no sɛ: Na hwɛ, sɛ AWURADE reyɛ mpomma ɔsoro mpo a, ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm yi anaa? Na ɔse: Hwɛ, wo deɛ, wode w’ani bɛhunu, na worenni bi.


Ɛnna okunini a ɔhene twere ne nsa soɔ no buaa Nyankopɔn nipa no sɛ: Hwɛ, sɛ AWURADE reyɛ mpomma ɔsoro mpo a, saa asɛm yi bɛbam anaa? Na ɔse: Wo ara wode w’ani bɛhunu, na worenni bi.


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Hwan na ɔyɛɛ onipa ano? Anaasɛ hwan na ɔyɛ emum anaa ɔsotifoɔ, ɔdehunufoɔ anaa onifirani? Ɛnyɛ me AWURADE ara?


Efraim tiri ne Samaria, na Samaria tiri ne Remalia ba no: Sɛ morennye nni a, nokorɛ morennyina.


Ɛda no ara na wo ne deɛ wafiri mu afire no ano bɛbue, na wobɛkasa na worentɔre mum bio, na wobɛyɛ wɔn nsɛnkyerɛnneɛ na wɔahunu sɛ mene AWURADE.


Na wo tɛkyerɛma nso, mɛma no afam wo dodo mu, na woatɔre mum, na woanyɛ wɔn ɔkasakyerɛfoɔ, ɛfiri sɛ wɔyɛ atuatefoɔ fie.


Na ɔne me kaa nsɛm yi no, mede m’anim mesii fam, na metɔree mum.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Sɛ moannye me annie na moanyɛ me kronkron Israelfoɔ anim nti, moremfa ɔman asafo yi nnuru asase a mede mama wɔn no so.


Akyire yi a dubaako no te adidiiɛ no, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn, na ɔkaa wɔn anim gye a wɔnnye nni no ne wɔn akomaden ho, sɛ wɔannye wɔn a wɔhunuu no sɛ wasɔre no annie nti.


Na ɔbuaa wɔn sɛ: O ɛnnɛ mma a monni gyidie! Mentena mo nkyɛn nkɔduru da bɛn? Mentɔ me bo ase mma mo nkɔduru da bɛn? Momfa no mmrɛ me!


Na ɔbɔfoɔ no bua see no sɛ: Mene Gabriel a megyina Nyankopɔn anim, na wɔasoma me sɛ memmɛkasa menkyerɛ wo, na menka wo nsɛmpa yi.


Na nkurɔfoɔ no retwɛn Sakaria; na ɛyɛɛ wɔn nwanwa sɛ wakyɛre asɔredan mu hɔ saa.


Na ɔfirii adie no, wantumi ankasa ankyerɛ wɔn; na wɔhunuu sɛ wanya anisoadehunu bi wɔ asɔredan mu hɔ; na ɔno deɛ, ɔde ne nsa yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ, na wantumi ankasa.


Na nhyira ne deɛ wagye adie, ɛfiri sɛ nsɛm a Awurade ama wɔabɛka akyerɛ no no bɛba mu.


Na n’ano buee, na ne tɛkyerɛma homa sanee amonom hɔ ara, na ɔkasa yii Onyankopɔn ayɛ.


Na sɛ ebinom annye anni ɛ? Wɔn gyeɛ a wɔnnye nnie no bɛma Nyankopɔn gyidie no adane hunu anaa?


Sɛ yɛnyɛ anokwafoɔ a, ɔno deɛ, ɔyɛ ɔnokwafoɔ ara, ɛfiri sɛ ɔntumi mpa ne ho akyi.


daa nkwa anidasoɔ so, nkwa a Onyankopɔn a ɔnni atorɔ no de firi teteete hyɛɛ bɔ,


na yɛafa nnoɔma mmienu a ɛnsakyera, a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nni atorɔ wɔ biribiara mu no so anya awerɛhyɛmu a emu yɛ den, na yɛn a yɛadwane repɛ hintabea no bɛsɔ anidasoɔ a ɛda yɛn anim no mu.


Dodoɔ a medɔ wɔn no, meyi wɔn atɛn, na metwe wɔn aso. Enti bɔ mmɔden na sakyera w’adwene!


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan