Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 1:15 - New Revised Asante Twi Bible

15 Ɛfiri sɛ ɔbɛyɛ kɛseɛ Awurade anim, na ɔrennom bobesa anaa nsa biara, na Honhom Kronkron bɛhyɛ no ma afiri ne na yam mpo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

15 Ɛfiri sɛ ɔbɛyɛ kɛseɛ Awurade anim, na ɔrennom bobesa anaa nsa biara, na Honhom Kronkron bɛhyɛ no ma afiri ne na yam mpo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Ɔbɛyɛ ɔkɛse wɔ Awurade anim. Ɔrennom nsa biara da, na Honhom Kronkron bɛyɛ no ma afi ne na yam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Ɔbɛyɛ kɛse Awurade anim. Ɔrennom nsã biara da, na Honhom Kronkron bɛyɛ no ma afiri ne maame yam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

15 Efisɛ ɔbɛyɛ kɛse Awurade anim, na ɔrennom bobesa anaa nsa biara, na Honhom Kronkron bɛhyɛ no ma afi ne na yam po.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 1:15
22 Iomraidhean Croise  

Na mɛyɛ wo ɔman kɛseɛ, na mahyira wo, na mama wo din ayɛ kɛseɛ, na woayɛ nhyira.


Na n’agya ampene, na ɔse: Menim, me ba, menim; ɔno nso bɛyɛ ɔman, na ɔno nso ayɛ kɛse, nanso ne nua kumaa no bɛso asene no, na n’asefoɔ bɛyɛ aman pii.


na madi w’akyi baabiara a wokɔeɛ, na matwitwa w’atamfo nyinaa afiri w’anim, na mayɛ wo din sɛ asase so nnipa akɛseɛ din.


Na ahonya ne animuonyam firi w’anim, na wo na wodi adeɛ nyinaa soɔ, na wo nsam na ahoɔden ne mmaninyɛ wɔ, na nnipa nyinaa kɛseyɛ ne denhyɛ wɔ wo nsam.


Na wo na woyii me firii me na yam, metua me na nufoɔ ano no, na womaa me anidasoɔ.


Mennya mennwonoo wo ɔyafunu mu no, na menim wo, na wonnya mfirii adi mfirii awotwaa mu no, na metee wo ho; mesii wo odiyifoɔ memaa amanaman.


Na wɔse: Yerɛnnom nsa. Na yɛn agya Rekab ba Yonadab ahyɛ yɛn sɛ: Monnnom nsa, mo ne mo mma nnnom bi da biara da.


Wo ne wo mma nyinaa, ansa na mobɛhyɛne ahyiaeɛ ntomadan no mu no, monnnom bobesa anaa nsa biara, na moanwuwu. Ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


Asafo AWURADE bɛwa wɔn ani, na wɔadidi, na wɔatiatia ntɔmmoɔ mu aboɔ so, na wɔanom, na nsa nti wɔayɛ hoo, na wɔayeyɛ amaama sɛ koraa, sɛ afɔrebukyia ntweaso.


Na ɛbɛyɛ wo anigyeɛ ne ahosan, na n’awoɔ nti nnipa bebree ani bɛgye.


Mese mo sɛ, wɔn a mmaa awo wɔn no mu biara nyɛ kɛse nsene Yohane; nanso deɛ ɔyɛ akumaa Nyankopɔn ahennie mu no, yɛ kɛseɛ sene no.


Na Yohane suboni aba, ɔnnidi na ɔnnom nsa, na mose: Ɔwɔ honhommɔne.


Ɔno ne kanea a ɛdɛre na ɛhyerɛn; na mo deɛ, mopɛɛ sɛ mo ani gye kakra ne hann no mu.


Na Honhom Kronkron yɛɛ wɔn nyinaa mama, na wɔfirii aseɛ kasaa kasa foforɔ, sɛdeɛ Honhom no maa wɔn sɛ wɔnka.


Na ɛsɔɔ deɛ ɔyii me firii me na yam, na ɔnam n’adom so afrɛ me no ani


Na mommmoro nsa, ɛfiri sɛ ɛno na ɛde sakasaka ba, na mmom monyɛ ma wɔ Honhom mu.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ɛnnɛ da yi na mɛfiri aseɛ mayɛ wo kɛseɛ Israel nyinaa ani soɔ, na wɔahunu sɛ, sɛdeɛ medii Mose akyire no, saa ara na mɛdi w’akyire.


Da no ara na AWURADE pagyaa Yosua, Israel nyinaa ani so, na wɔsuroo no sɛdeɛ wɔsuroo Mose no, ne nkwa nna nyinaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan