Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Luka 1:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na ɔbɔfoɔ no see no sɛ: Sakaria, nsuro, na wɔatie wo mpaebɔ, na wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima ama wo, na woato ne din Yohane.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

13 Na ɔbɔfoɔ no see no sɛ: Sakaria, nsuro, na wɔatie wo mpaebɔ, na wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima ama wo, na woato ne din Yohane.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Nanso ɔsoro ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no se, “Sakaria, nsuro, Awurade Nyankopɔn ate wo mpaebɔ. Wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima na ɛsɛ sɛ woto ne din Yohane.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Nanso, ɔsoro ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Sakaria, nsuro, Awurade Onyankopɔn ate wo mpaeɛbɔ. Wo yere Elisabet bɛwo babarima na ɛsɛ sɛ woto ne din Yohane.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

13 Na ɔbɔfo no see no sɛ: Sakaria, nsuro, na wɔatie wo mpaebɔ, na wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima ama wo, na woato ne din Yohane.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Luka 1:13
27 Iomraidhean Croise  

Yei ne me ne w’asefoɔ a ɛbɛdi w’akyire no ntam apam a monni soɔ: Wɔntwitwa mo mu mmarima nyinaa twetia.


Na Onyankopɔn kaa sɛ: Ampaneampa, wo yere Sara bɛwo ɔba ama wo, na woato ne din Isak. Na mɛma me ne no apam no agyina ayɛ daa apam ama n’asefoɔ a ɛbɛdi n’akyire no.


Biribi yɛ AWURADE yɛna anaa? Berɛ a mahyɛ no, mɛsane aba wo nkyɛn afeda sɛsɛɛ no na Sara anya ɔba.


Na Isak srɛɛ AWURADE maa ne yere, ɛfiri sɛ na ɔyɛ obonini. Na AWURADE tiee n’adesrɛ no, na ne yere Rebeka nyinsɛnee.


Ɔma ɔbaabonini nya efie tena mu, na ɔyɛ ɔbaatan a n’ani gyeɛ. Monyi AWURADE ayɛ!


Meda wo ase sɛ woagye me soɔ, na woayɛ me nkwagyeɛ.


Na mekɔɔ odiyifoɔbaa no ho, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Frɛ ne din sɛ: Maher-salal-has-bas.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro, Daniel, na ɛfiri da a wode w’akoma too soɔ sɛ wobɛte aseɛ na wobɛbrɛ wo ho ase wo Nyankopɔn anim no, wɔate wo nsɛm, na me nso, wo nsɛm nti na mebaeɛ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Yesreel, na aka kakra na mabɛtɔ Yesreel mogya so were Yehu fie, na mama Israel fie ahennie no to atwa.


Na ɔnyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabaa; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: To no din sɛ Lo-ruhama, na merenna so menhunu Israel fie mmɔbɔ, na meremfa menkyɛ wɔn bio.


Na ɔbɛwo ɔbabanin, na woato ne din Yesu, ɛfiri sɛ ɔno na ɔbɛgye ne man afiri wɔn bɔne mu.


Na ntɛm ara Yesu kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Momma mo bo ntɔ mo yam, ɛyɛ me, monnsuro!


Na ɔbɔfoɔ no bua see mmaa no sɛ: Mo deɛ, monnsuro! Na menim sɛ morehwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no.


Na ɔsee wɔn sɛ: Mommmɔ binim; mohwehwɛ Yesu Nasareni a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. Wanyane, ɔnni ha. Hwɛ faako a wɔde no toeɛ!


Na ɛbɛyɛ wo anigyeɛ ne ahosan, na n’awoɔ nti nnipa bebree ani bɛgye.


Na ɔbɔfoɔ no see no sɛ: Nsuro, Maria, na woanya Nyankopɔn hɔ adom.


Na ɔdii nnawɔtwe a wɔrebɛtwa no twetia no, wɔtoo ne din Yesu sɛdeɛ ɔbɔfoɔ no kyerɛeɛ ansa na wɔrenyinsɛn no ɔyafunu mu no.


na ɔse: Kornelio, wɔate wo mpaebɔ, na wɔakae wo mmɔborɔhunu adeɛ no Nyankopɔn anim.


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Asomdwoeɛ nka wo, nsuro, worenwu.


Na AWURADE bɛhwɛɛ Hana, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo mmammarima baasa ne mmammaa baanu. Na abɔfra Samuel no nyinii AWURADE anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan