Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Kolosefo 4:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Yei ara nti na masoma no mo nkyɛn, na moate yɛn ho asɛm, na wakyekyere mo werɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Yei ara nti na masoma no mo nkyɛn, na moate yɛn ho asɛm, na wakyekyere mo werɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Eyi nti na meresoma no mo nkyɛn, ama moahu sɛnea yɛn ho te, na wahyɛ mo nkuran nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɛno enti na meresoma no aba mo nkyɛn sɛ ɔmmɛka sɛdeɛ yɛrekɔ so fa mfa nhyɛ mo den no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Eyi ara nti na masoma no mo nkyɛn, na moate yɛn ho asɛm, na wakyekye mo werɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Kolosefo 4:8
16 Iomraidhean Croise  

Monkyekyere, monkyekyere me man werɛ! mo Nyankopɔn na ɔseɛ.


Yei nti na masoma Timoteo a ɔyɛ me ba dɔfo ne nokwafoɔ Awurade mu aba mo nkyɛn; ɔno na ɔbɛkae mo m’akwan a ɛwɔ Kristo Yesu mu sɛdeɛ mekyerɛkyerɛ asafo nyinaa mu wɔ mmaa nyinaa.


a, ɔkyekyere yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu, na yɛatumi afa awerɛkyekyerɛ a Onyankopɔn de kyekyere yɛn werɛ no so, akyekyere wɔn a wɔwɔ ahohia biara mu werɛ.


Mesrɛɛ Tito na mesomaa no ne onua kaa ne ho no, Tito bɛsisii mo anaa? Ɛnyɛ honhom korɔ no ara mu na yɛnanteeɛ, anaasɛ anammɔn korɔ no ara mu?


enti afei momfa nkyɛ mmom na monkyekyere ne werɛ, na awerɛhoɔ bebree no ammene no.


Yei ara nti na masoma no mo nkyɛn, na moahunu sɛdeɛ yɛn ho teɛ, na wahyɛ mo akoma den.


Ɛno nti na mabɔ mmɔden masoma no, na sɛ mohunu no a, mo ani agye bio, na me nso m’awerɛhoɔ so ahwan.


sɛ wɔnnya deɛ ɛka wɔn akoma to wɔn yam, ɛne sɛ wɔnyɛ baako ɔdɔ mu, nnya nteaseɛ a wɔasi so dua ahonya nyinaa, na wɔahunu Nyankopɔn ahuntasɛm a ɛne Kristo no mu.


Afei nso monim, sɛdeɛ yɛtuu mo nyinaa fo mmaako mmaako, sɛdeɛ agya bi yɛ ne mma, na yɛhyɛɛ mo den, na yɛdii mo adanseɛ


Na yɛsomaa Timoteo a ɔyɛ yɛn nua ne yɛn yɔnko dwumayɛni ma Onyankopɔn wɔ Kristo asɛmpa mu, sɛ ɔmmɛhyɛ mo den na ɔntu mo fo mo gyidie ho,


Yei nti me nso, mesɔ mu a na ɛnsɔ bio no, mesomae, na mahunu mo gyidie mu, na amma sɛ ebia ɔsɔhwɛfoɔ no asɔ mo ahwɛ, ama yɛn mmɔdemmɔ adwuma no ayɛ ɔkwa.


Enti momfa nsɛm yi nkyekyere mo ho werɛ.


Enti montutu mo ho fo na obiara mpia ne yɔnko, sɛdeɛ moreyɛ no ara.


Afei yɛtu mo fo, anuanom, sɛ monkasa nkyerɛ wɔn a wɔnam basabasa, monkyekyere wɔn a wɔn akoma atuo werɛ, monsɔ wɔn a wɔyɛ mmerɛ mu, montɔ mo bo ase mma nnipa nyinaa.


ɔnkyekyere mo werɛ, na ɔnhyɛ mo den asɛm ne adwuma pa nyinaa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan